< Nnwom 63 >

1 Dawid dwom. Ɛberɛ a ɔwɔ Yuda Ɛserɛ so no na ɔtoeɛ. Ao, Onyankopɔn, wone me Onyankopɔn Mehwehwɛ wo anibereɛ so; wo ho sukɔm de me kra, me onipadua ani agyina wo, wɔ asase a awo na ɛserɛ nni so, baabi a nsuo nnie. 2 Mahunu wo wɔ Kronkronbea hɔ mahunu wo tumi ne wʼanimuonyam. 3 Esiane sɛ, wʼadɔeɛ di mu sene nkwa enti mʼano fafa bɛhyɛ wo animuonyam. 4 Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo, na wo din mu na mɛpagya me nsa. 5 Me ɔkra bɛmee sɛdeɛ wadi aduane papa bi; mede anofafa a ɛto dwom bɛyi wo ayɛ. 6 Meda me mpa so a, mekae wo. Anadwo dasuo mu nyinaa, medwene wo ho. 7 Ɛfiri sɛ, wone ne ɔboafoɔ, wo ntaban ase nwunu mu na mɛto dwom. 8 Me kra bata wo ho; na wo nsa nifa kura me mu. 9 Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe; wɔbɛkɔ asase ase tɔnn. 10 Wɔbɛdane wɔn ama akofena na wɔbɛyɛ aduane ama sakraman. 11 Nanso ɔhene bɛdi ahurisie wɔ Onyankopɔn mu; wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no, na wɔbɛmua atorofoɔ ano.

< Nnwom 63 >