< Nnwom 62 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ Yedutun. Dawid dwom. Me ɔkra wɔ ahomegyeɛ wɔ Onyankopɔn nko ara mu; me nkwagyeɛ firi ne nkyɛn.
“For the leader of the music of the Jeduthunites, A psalm of David.” Truly my soul resteth on God alone; From him cometh my deliverance!
2 Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ; ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim da.
He alone is my rock and my salvation; He is my safeguard, I shall not wholly fall!
3 Mobɛkɔ so ahyɛ onipa baako so akɔsi da bɛn? Mo nyinaa mobɛsum no ahwe fam anaa? Mayɛ ɔfasuo a akyea, ɛban a ɛrebuo wɔ wɔn ani so.
How long will ye continue to assault a single man? How long will ye all seek to destroy me, Like a bending wall, or a tottering fence?
4 Wɔayɛ adwene sɛ wɔbɛtu me afiri me diberɛ a ɛkorɔn no so; wɔn ani gye atorɔ die ho. Wɔde wɔn ano hyira na wɔn akoma mu deɛ, wɔdome.
They study how to cast me down from my eminence; They delight in falsehood; They bless with their mouths, but in their hearts they curse.
5 Ao me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu; na ne mu na mʼanidasoɔ wɔ.
My soul, rest thou on God alone, For from him cometh my hope!
6 Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ; ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim.
He alone is my rock and my salvation; He is my safeguard, —I shall not fall.
7 Me nkwagyeɛ ne mʼanimuonyam gyina Onyankopɔn so; ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me dwanekɔbea.
From God cometh my help and my glory: My strong rock, my refuge, is God.
8 Ao me nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa; monka mo akoma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea.
Trust in him at all times, ye people! Pour out your hearts before him! God is our refuge!
9 Nnipa nyinaa te sɛ home; akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nka hwee; sɛ wɔkari wɔn wɔ nsania so a, wɔnka hwee; wɔn nyinaa bɔ mu a, wɔyɛ home mu tutuo.
Truly men of low degree are vanity, And men of high degree are a lie; Placed in the balance, They are all lighter than vanity.
10 Mommfa mo ho nto nsisie so na monnhoahoa mo ho korɔnodeɛ ho; ɛwom sɛ mo ahonya dɔɔso deɛ, nanso mommfa mo akoma nto so.
Trust not in extortion; Place no vain hopes in rapine! If riches increase, set not your heart upon them!
11 Asɛm baako na Onyankopɔn aka, nsɛm mmienu na mateɛ sɛ, wo, Onyankopɔn, wo na wowɔ ahoɔden,
Once hath God promised, twice have I heard it, That power belongeth unto God.
12 na wo, Awurade, wo na woyɛ adɔeɛ. Ampa ara, wobɛtua obiara ka sɛdeɛ nʼadwuma teɛ.
To thee also, O Lord! belongeth mercy; For thou dost render to every man according to his work!

< Nnwom 62 >