< Nnwom 61 >

1 Dawid dwom. Ao Onyankopɔn, tie me sufrɛ; tie me mpaeɛbɔ.
(다윗의 시. 영장으로 현악에 맞춘 노래) 하나님이여, 나의 부르짖음을 들으시며 내 기도에 유의하소서
2 Mefiri asase ano frɛ wo, mefrɛ wo ɛfiri sɛ mʼakoma atɔ baha; fa me kɔ ɔbotan a ɛware sene me no so.
내 마음이 눌릴 때에 땅 끝에서부터 주께 부르짖으오리니 나보다 높은 바위에 나를 인도하소서
3 Woayɛ me dwanekɔbea, aban a ɛyɛ den ma ɔtamfoɔ no.
주는 나의 피난처시요 원수를 피하는 견고한 망대심이니이다
4 Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntomadan no mu afebɔɔ na manya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.
내가 영원히 주의 장막에 거하며 내가 주의 날개 밑에 피하리이다 (셀라)
5 Woate me bɔhyɛ, Ao Onyankopɔn; na wode wɔn a wɔsuro wo din no agyapadeɛ ama me.
하나님이여, 내 서원을 들으시고 주의 이름을 경외하는 자의 얻을 기업을 내게 주셨나이다
6 To ɔhene nkwa nna mu bebree; na ne mfeɛ mfiri awoɔ ntoatoasoɔ nkɔduru awoɔ ntoatoasoɔ.
주께서 왕으로 장수케 하사 그 나이 여러 대에 미치게 하시리이다
7 Ma ɔnni ɔhene wɔ Onyankopɔn anim daa. Fa wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ bɔ ne ho ban.
저가 영원히 하나님 앞에 거하리니 인자와 진리를 예비하사 저를 보호하소서
8 Afei mɛto ayɛyie dwom ama wo din daa na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ Yedutun.
그리하시면 내가 주의 이름을 영원히 찬양하며 매일 나의 서원을 이행하리이다

< Nnwom 61 >