< Nnwom 60 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Susan Edut.” Dawid “Miktam” dwom. Wɔde yɛ nkyerɛkyerɛ. Ɔtoo no ɛberɛ a ɔne Aram Naharanfoɔ ne Aram Sabafoɔ koeɛ na Yoab sane kɔkumm Edomfoɔ mpem dumienu wɔ Nkyene Bɔnhwa mu no. Ao Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛagu; wo bo afu yɛn, nanso gye yɛn bio!
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Susan Edut.” Dawid “Miktam” dwom. Wɔde yɛ nkyerɛkyerɛ. Ɔtoo no bere a ɔne Aram Naharanfo ne Aram Zobafo koe na Yoab san kokum Edomfo mpem dumien wɔ Nkyene Bon mu no. Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛn agu; wo bo afuw yɛn, nanso gye yɛn bio!
2 Woawoso asase no na woapae mu; toatoa deɛ abubuo no, ɛfiri sɛ, ɛrehinhim.
Woawosow asase no na woapae mu; toatoa nea abubu no, efisɛ ɛrehinhim.
3 Woama wo nkurɔfoɔ ahunu mmerɛ bɔne; woama yɛn nsã a ɛma yɛtɔ ntentan.
Woama wo nkurɔfo ahu mmere bɔne; woama yɛn nsa a ɛma yɛtɔ ntintan.
4 Nanso wɔn a wɔsuro wo deɛ, woama wɔn frankaa so sɛ wɔntu ntia kuntun no.
Nanso wɔn a wosuro wo de, woama wɔn frankaa so sɛ wontu ntia agyan no.
5 Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn, na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.
Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn, na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.
6 Onyankopɔn akasa firi kronkronbea sɛ, “Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu, na masusu Sukot bɔnhwa no.
Onyankopɔn akasa afi ne kronkronbea se, “Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu, na masusuw Sukot bon no.
7 Gilead wɔ me, Manase wɔ me; Efraim yɛ me dadeɛ kyɛ, ɛna Yuda yɛ mʼahempoma.
Gilead yɛ me de; Manase nso saa ara; Efraim yɛ me dade kyɛw, Yuda yɛ mʼahempema.
8 Moab yɛ me dwaresɛn, Edom so na meto me mpaboa guo; na meteam nkonimdie so gu Filistifoɔ so.”
Moab yɛ me guasɛn, Edom so na metow me mpaboa gu; na meteɛ mu nkonimdi so gu Filistifo so.”
9 Hwan na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? Hwan na ɔbɛdi mʼanim akɔ Edom?
Hena na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? Hena na obedi mʼanim akɔ Edom?
10 Ɛnyɛ wo, Ao Onyankopɔn, wo a woapo yɛn na wone yɛn akodɔm ankɔ sa bio no?
Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn na wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio ana?
11 Boa yɛn tia ɔtamfoɔ no, na ɔdasani mmoa nka hwee.
Boa yɛn tia ɔtamfo no, na ɔdesani mmoa nka hwee.
12 Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yɛbɛdi nkonim, na ɔbɛtiatia yɛn atamfoɔ so.
Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim, na obetiatia yɛn atamfo so.

< Nnwom 60 >