< Nnwom 60 >
1 Dawid “Miktam” dwom. Wɔde yɛ nkyerɛkyerɛ. Ɔtoo no ɛberɛ a ɔne Aram Naharanfoɔ ne Aram Sabafoɔ koeɛ na Yoab sane kɔkumm Edomfoɔ mpem dumienu wɔ Nkyene Bɔnhwa mu no. Ao Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛagu; wo bo afu yɛn, nanso gye yɛn bio!
For the Chief Musician; set to Shushan Eduth. Michtam of David, to teach; when he strove with Aram-naharaim and with Aram-zobah, and Joab returned, and smote of Edom in the Valley of Salt twelve thousand. O God thou hast cast us off, thou hast broken us down; Thou hast been angry; oh restore us again.
2 Woawoso asase no na woapae mu; toatoa deɛ abubuo no, ɛfiri sɛ, ɛrehinhim.
Thou hast made the land to tremble; thou hast rent it: Heal the breaches thereof; for it shaketh.
3 Woama wo nkurɔfoɔ ahunu mmerɛ bɔne; woama yɛn nsã a ɛma yɛtɔ ntentan.
Thou hast showed thy people hard things: Thou hast made us to drink the wine of staggering.
4 Nanso wɔn a wɔsuro wo deɛ, woama wɔn frankaa so sɛ wɔntu ntia kuntun no.
Thou hast given a banner to them that fear thee, That it may be displayed because of the truth. (Selah)
5 Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn, na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.
That thy beloved may be delivered, Save with thy right hand, and answer us.
6 Onyankopɔn akasa firi kronkronbea sɛ, “Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu, na masusu Sukot bɔnhwa no.
God hath spoken in his holiness: I will exult; I will divide Shechem, and mete out the valley of Succoth.
7 Gilead wɔ me, Manase wɔ me; Efraim yɛ me dadeɛ kyɛ, ɛna Yuda yɛ mʼahempoma.
Gilead is mine, and Manasseh is mine; Ephraim also is the defence of my head; Judah is my sceptre.
8 Moab yɛ me dwaresɛn, Edom so na meto me mpaboa guo; na meteam nkonimdie so gu Filistifoɔ so.”
Moab is my washpot; Upon Edom will I cast my shoe: Philistia, shout thou because of me.
9 Hwan na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? Hwan na ɔbɛdi mʼanim akɔ Edom?
Who will bring me into the strong city? Who hath led me unto Edom?
10 Ɛnyɛ wo, Ao Onyankopɔn, wo a woapo yɛn na wone yɛn akodɔm ankɔ sa bio no?
Hast not thou, O God, cast us off? And thou goest not forth, O God, with our hosts.
11 Boa yɛn tia ɔtamfoɔ no, na ɔdasani mmoa nka hwee.
Give us help against the adversary; For vain is the help of man.
12 Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yɛbɛdi nkonim, na ɔbɛtiatia yɛn atamfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ.
Through God we shall do valiantly; For he it is that will tread down our adversaries.