< Nnwom 6 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ ɔmfa sankuhoma nto wɔ Seminit ɛnne so. Dawid dwom. Ao, Awurade nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu, na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuhyeɛ mu.
For the End, a Psalm of David among the Hymns for the eighth. O Lord, rebuke me not in your wrath, neither chasten me in your anger.
2 Hu me mmɔbɔ, Awurade, ɛfiri sɛ meyɛ mmrɛ; Ao Awurade sa me yadeɛ na me nnompe wɔ ahoyera mu.
Pity me, O Lord; for I am weak: heal me, O Lord; for my bones are vexed.
3 Me kra wɔ ahohia mu. Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn?
My soul also is grievously vexed: but you, O Lord, how long?
4 Sane bra, Ao Awurade, na bɛgye me nkwa; gye me, wo dɔ a ɛnni hwammɔ no enti.
Return, O Lord, deliver my soul: save me for your mercy's sake.
5 Obi a wawuo no renkae wo da, hwan na ɔfiri damena mu kamfo woɔ? (Sheol h7585)
For in death no man remembers you: and who will give you thanks in Hades? (Sheol h7585)
6 Apinisie ama mayɛ mmerɛ. Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔ me mpa na me nisuo fɔ me sumiiɛ.
I am wearied with my groaning; I shall wash my bed every night; I shall water my couch with tears.
7 Awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ me kusuu. Ɛredum mʼatamfoɔ nyinaa enti.
Mine eye is troubled because of my wrath; I am worn out because of all my enemies.
8 Mo nnebɔneyɛfoɔ, montwe mo ho mfiri me ho, ɛfiri sɛ Awurade ate me sufrɛ.
Depart from me, all you that work iniquity; for the Lord has heard the voice of my weeping.
9 Awurade ate me mmɔborɔ su; Awurade tie me sufrɛ.
The Lord has listened to my petition; the Lord has accepted my prayer.
10 Mʼatamfoɔ nyinaa anim bɛgu ase na wɔn ho adwiri wɔn; na wɔapatu de fɛreɛ asane wɔn akyi.
Let all mine enemies be put to shame and sore troubled: let them be turned back and grievously put to shame speedily.

< Nnwom 6 >