< Nnwom 6 >
1 Dawid dwom. Ao, Awurade nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu, na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuhyeɛ mu.
(Til sangmesteren. Med strengespil. Efter den ottende. En salme af David.) HERRE, revs mig ej i din Vrede, tugt mig ej i din Harme,
2 Hu me mmɔbɔ, Awurade, ɛfiri sɛ meyɛ mmrɛ; Ao Awurade sa me yadeɛ na me nnompe wɔ ahoyera mu.
vær mig nådig Herre, jeg sygner hen, mine Ledmod skælver, læg mig, Herre!
3 Me kra wɔ ahohia mu. Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn?
Såre skælver min Sjæl; o HERRE, hvor længe endnu?
4 Sane bra, Ao Awurade, na bɛgye me nkwa; gye me, wo dɔ a ɛnni hwammɔ no enti.
Vend tilbage, HERRE, og frels min Sjæl, hjælp mig dog for din Miskundheds Skyld!
5 Obi a wawuo no renkae wo da, hwan na ɔfiri damena mu kamfo woɔ? (Sheol )
Thi i Døden kommes du ikke i Hu, i Dødsriget hvo vil takke dig der? (Sheol )
6 Apinisie ama mayɛ mmerɛ. Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔ me mpa na me nisuo fɔ me sumiiɛ.
Jeg er så træt af at sukke; jeg væder hver Nat mit Leje, bader med Tårer min Seng;
7 Awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ me kusuu. Ɛredum mʼatamfoɔ nyinaa enti.
mit Øje hentæres af Sorg, sløves for alle mine Fjenders Skyld.
8 Mo nnebɔneyɛfoɔ, montwe mo ho mfiri me ho, ɛfiri sɛ Awurade ate me sufrɛ.
Vig fra mig, alle I Udådsmænd, thi HERREN har hørt min Gråd,
9 Awurade ate me mmɔborɔ su; Awurade tie me sufrɛ.
HERREN har hørt min Tryglen, min Bøn tager HERREN imod.
10 Mʼatamfoɔ nyinaa anim bɛgu ase na wɔn ho adwiri wɔn; na wɔapatu de fɛreɛ asane wɔn akyi.
Beskæmmes skal alle mine Fjender og såre forfærdes, brat skal de vige med Skam.