< Nnwom 59 >

1 Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Ɛnsɛe No” sankuo nne so. Dawid “miktam” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Saulo soma kɔwɛn Dawid fie sɛ wɔbɛkum no. Ao Onyankopɔn, gye me firi mʼatamfoɔ nsam; bɔ me ho ban firi wɔn a wɔtaa me so no ho.
聖歌隊の指揮者によって、「滅ぼすな」というしらべにあわせてうたわせたダビデのミクタムの歌。これはサウルがダビデを殺そうとして人をつかわし、その家をうかがわせたときダビデのよんだもの わが神よ、どうかわたしをわが敵から助け出し、わたしに逆らって起りたつ者からお守りください。
2 Gye me firi amumuyɛfoɔ nsam. Gye me nkwa firi mogyapɛfoɔ nsam.
悪を行う者からわたしを助け出し、血を流す人からわたしをお救いください。
3 Hwɛ sɛdeɛ wɔatɛ repɛ me akum me akokobirefoɔ bɔ pɔ bɔne tia me a ɛnyɛ mfomsoɔ anaa bɔne bi a mayɛ enti, Ao Awurade.
見よ、彼らはひそみかくれて、わたしの命をうかがい、力ある人々が共に集まってわたしを攻めます。主よ、わたしにとがも罪もなく、
4 Menyɛɛ mfomsoɔ bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛto ahyɛ me so. Sɔre bɛgye me; hwɛ mʼamanehunu!
わたしにあやまちもないのに、彼らは走りまわって備えをします。わたしを助けるために目をさまして、ごらんください。
5 Ao Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso; nhunu amumuyɛfoɔ nkontompofoɔ no mmɔbɔ.
万軍の神、主よ、あなたはイスラエルの神です。目をさまして、もろもろの国民を罰し、悪をたくらむ者どもに、あわれみを施さないでください。 (セラ)
6 Wɔsane ba anwummerɛ, wɔpɔ so sɛ nkraman, na wɔkyinkyin kuropɔn no mu.
彼らは夕ごとに帰ってきて、犬のようにほえて町をあさりまわる。
7 Hwɛ deɛ wɔfe firi wɔn anomu, wɔfe akofena firi wɔn anomu na wɔka sɛ: “Hwan na ɔteɛ”?
見よ、彼らはその口をもってほえ叫び、そのくちびるをもってうなり、「だれが聞くものか」と言う。
8 Nanso, wo Awurade, wosere wɔn; wodi saa aman no nyinaa ho fɛw.
しかし、主よ、あなたは彼らを笑い、もろもろの国民をあざけり笑われる。
9 Ao mʼAhoɔden, mehwɛ wo; wo, Ao Onyankopɔn ne mʼabankɛseɛ,
わが力よ、わたしはあなたにむかってほめ歌います。神よ、あなたはわたしの高きやぐらです。
10 me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ. Onyankopɔn bɛdi mʼanim na ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haa.
わが神はそのいつくしみをもってわたしを迎えられる。わが神はわたしに敵の敗北を見させられる。
11 Nanso nkum wɔn, Ao Awurade yɛn akokyɛm, na me nkurɔfoɔ werɛ amfiri wɔn. Wo tumi mu no ma wɔnnantenante, na brɛ wɔn ase.
どうぞ、わが民の忘れることのないために、彼らを殺さないでください。主、われらの盾よ、み力をもって彼らをよろめかせ、彼らを倒れさせないでください。
12 Bɔne a ɛfiri wɔn anomu, ne wɔn ano nsɛm enti ma wɔn ahomasoɔ nkyekyere wɔn. Abususɛm a wɔka ne atorɔ a wɔtwa enti,
彼らの口の罪、そのくちびるの言葉のために彼らをその高ぶりに捕われさせてください。彼らが語るのろいと偽りのために
13 sɛe wɔn wɔ abufuhyeɛ mu, kɔsi sɛ wɔn ase bɛtɔre. Afei ɛbɛma asase so afanan nyinaa ahunu sɛ Onyankopɔn di Yakob so.
憤りをもって彼らを滅ぼし、もはやながらえることのないまでに、彼らを滅ぼしてください。そうすれば地のはてまで、人々は神がヤコブを治められることを知るに至るでしょう。 (セラ)
14 Wɔsane ba anwummerɛ, wɔpɔ so sɛ nkraman na wɔkyinkyin kuropɔn no mu.
彼らは夕ごとに帰ってきて、犬のようにほえて町をあさりまわる。
15 Wɔkyinkyini pɛ aduane na sɛ wɔammee a, wɔsu bobom.
彼らは食い物のためにあるきまわり、飽くことを得なければ怒りうなる。
16 Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom, mɛto wʼadɔeɛ ho dwom anɔpa; ɛfiri sɛ woyɛ mʼabankɛseɛ, mʼahintaeɛ wɔ ahohia mmerɛ mu.
しかし、わたしはあなたのみ力をうたい、朝には声をあげてみいつくしみを歌います。あなたはわたしの悩みの日にわが高きやぐらとなり、わたしの避け所となられたからです。
17 Ao mʼAhoɔden, mɛto ayɛyi dwom ama wo; wo, Ao Onyankopɔn, ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Susan Edut.”
わが力よ、わたしはあなたにむかってほめうたいます。神よ、あなたはわが高きやぐら、わたしにいつくしみを賜わる神であられるからです。

< Nnwom 59 >