< Nnwom 59 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Ɛnsɛe No” sankuo nne so. Dawid “miktam” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Saulo soma kɔwɛn Dawid fie sɛ wɔbɛkum no. Ao Onyankopɔn, gye me firi mʼatamfoɔ nsam; bɔ me ho ban firi wɔn a wɔtaa me so no ho.
למנצח אל תשחת לדוד מכתם בשלח שאול וישמרו את הבית להמיתו הצילני מאיבי אלהי ממתקוממי תשגבני׃
2 Gye me firi amumuyɛfoɔ nsam. Gye me nkwa firi mogyapɛfoɔ nsam.
הצילני מפעלי און ומאנשי דמים הושיעני׃
3 Hwɛ sɛdeɛ wɔatɛ repɛ me akum me akokobirefoɔ bɔ pɔ bɔne tia me a ɛnyɛ mfomsoɔ anaa bɔne bi a mayɛ enti, Ao Awurade.
כי הנה ארבו לנפשי יגורו עלי עזים לא פשעי ולא חטאתי יהוה׃
4 Menyɛɛ mfomsoɔ bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛto ahyɛ me so. Sɔre bɛgye me; hwɛ mʼamanehunu!
בלי עון ירוצון ויכוננו עורה לקראתי וראה׃
5 Ao Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso; nhunu amumuyɛfoɔ nkontompofoɔ no mmɔbɔ.
ואתה יהוה אלהים צבאות אלהי ישראל הקיצה לפקד כל הגוים אל תחן כל בגדי און סלה׃
6 Wɔsane ba anwummerɛ, wɔpɔ so sɛ nkraman, na wɔkyinkyin kuropɔn no mu.
ישובו לערב יהמו ככלב ויסובבו עיר׃
7 Hwɛ deɛ wɔfe firi wɔn anomu, wɔfe akofena firi wɔn anomu na wɔka sɛ: “Hwan na ɔteɛ”?
הנה יביעון בפיהם חרבות בשפתותיהם כי מי שמע׃
8 Nanso, wo Awurade, wosere wɔn; wodi saa aman no nyinaa ho fɛw.
ואתה יהוה תשחק למו תלעג לכל גוים׃
9 Ao mʼAhoɔden, mehwɛ wo; wo, Ao Onyankopɔn ne mʼabankɛseɛ,
עזו אליך אשמרה כי אלהים משגבי׃
10 me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ. Onyankopɔn bɛdi mʼanim na ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haa.
אלהי חסדו יקדמני אלהים יראני בשררי׃
11 Nanso nkum wɔn, Ao Awurade yɛn akokyɛm, na me nkurɔfoɔ werɛ amfiri wɔn. Wo tumi mu no ma wɔnnantenante, na brɛ wɔn ase.
אל תהרגם פן ישכחו עמי הניעמו בחילך והורידמו מגננו אדני׃
12 Bɔne a ɛfiri wɔn anomu, ne wɔn ano nsɛm enti ma wɔn ahomasoɔ nkyekyere wɔn. Abususɛm a wɔka ne atorɔ a wɔtwa enti,
חטאת פימו דבר שפתימו וילכדו בגאונם ומאלה ומכחש יספרו׃
13 sɛe wɔn wɔ abufuhyeɛ mu, kɔsi sɛ wɔn ase bɛtɔre. Afei ɛbɛma asase so afanan nyinaa ahunu sɛ Onyankopɔn di Yakob so.
כלה בחמה כלה ואינמו וידעו כי אלהים משל ביעקב לאפסי הארץ סלה׃
14 Wɔsane ba anwummerɛ, wɔpɔ so sɛ nkraman na wɔkyinkyin kuropɔn no mu.
וישובו לערב יהמו ככלב ויסובבו עיר׃
15 Wɔkyinkyini pɛ aduane na sɛ wɔammee a, wɔsu bobom.
המה ינועון לאכל אם לא ישבעו וילינו׃
16 Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom, mɛto wʼadɔeɛ ho dwom anɔpa; ɛfiri sɛ woyɛ mʼabankɛseɛ, mʼahintaeɛ wɔ ahohia mmerɛ mu.
ואני אשיר עזך וארנן לבקר חסדך כי היית משגב לי ומנוס ביום צר לי׃
17 Ao mʼAhoɔden, mɛto ayɛyi dwom ama wo; wo, Ao Onyankopɔn, ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ.
עזי אליך אזמרה כי אלהים משגבי אלהי חסדי׃

< Nnwom 59 >