< Nnwom 57 >
1 Dawid dwom a ɔtooɛ ɛberɛ a ɔdwane firii Saulo nkyɛn kɔɔ ɔbodan no mu. Hu me mmɔbɔ, Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ, na wo mu na me kra nya dwanekɔbea. Wo ntaban nwunu ase na mɛpɛ dwanekɔbea kɔsi sɛ amanehunu no bɛtwam.
Přednímu kantoru, jako: Nevyhlazuj, zlatý žalm Davidův, když utekl před Saulem do jeskyně. Smiluj se nade mnou, ó Bože, smiluj se nade mnou; neboť v tebe doufá duše má, a v stínu křídel tvých schráním se, až přejde ssoužení.
2 Mesu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no; Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho.
Volati budu k Bohu nejvyššímu, k Bohu silnému, kterýž dokonává za mne.
3 Ɔsoma firi soro hɔ bɛgye me nkwa, ɔka wɔn a wɔtaa me anibereɛ so no anim; Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokorɛ.
Onť pošle s nebe, a zachová mne od potupy usilujícího mne sehltiti. (Sélah) Pošle Bůh milosrdenství své a pravdu svou.
4 Agyata atwa me ho ahyia; meda mmoa a wɔwe ɛnam mono mu, nnipa a wɔn se te sɛ mpea ne mmɛmma na wɔn tɛkrɛma te sɛ akofena a ɛyɛ nnam.
Duše má jest u prostřed lvů, bydlím mezi paliči, mezi lidmi, jejichž zubové kopí a střely, a jazyk jejich jako ostrý meč.
5 Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ; ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so.
Vyvyšiž se nad nebesa, ó Bože, a nade všecku zemi sláva tvá.
6 Wɔtrɛɛ asau mu de sum me nan afidie, ahohiahia brɛɛ me ase. Wɔtuu amena wɔ me kwan mu, nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu.
Tenata roztáhli nohám mým, sklíčili duši mou, vykopali přede mnou jámu, ale sami upadli do ní. (Sélah)
7 Ao Onyankopɔn, mʼakoma agyina pintinn, mʼakoma nhinhim; mɛto dwom na mayi wo ayɛ.
Hotovo jest srdce mé, Bože, hotovo jest srdce mé, zpívati a oslavovati tě budu.
8 Me kra nyane! Sankuo ne bɛnta, monnyane! Me nso mɛnyane anɔpahema.
Probuď se, slávo má, probuď se, loutno a harfo, když v svitání povstávám.
9 Ao Awurade, mɛyi wo ayɛ wɔ amanaman no mu; mɛto wo ho dwom wɔ nnipa mu.
Slaviti tě budu mezi lidmi, Pane, žalmy prozpěvovati tobě budu mezi národy.
10 Wo dɔ yɛ kɛseɛ na ɛduru ɔsorosoro; wo nokorɛ kɔka ewiem.
Nebo veliké jest až k nebi milosrdenství tvé, a až k nejvyšším oblakům pravda tvá.
11 Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ; ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No” sankuo nne so.
Vyvyšiž se nad nebesa, ó Bože, a nade všecku zemi sláva tvá.