< Nnwom 56 >

1 Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a Filistifoɔ kyeree no wɔ Gat no. Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibereɛ so; da mu nyinaa, wɔmia mmirika a wɔtu wɔtaa me no mu.
Drottinn, miskunna þú mér, því að liðlangan daginn sækja óvinir mínir að.
2 Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa; wɔn a wɔma wɔn ho so tia me dɔɔso.
Fjandmennirnir ryðjast fram, fjölmennt lið, þeir ætla að drepa mig.
3 Sɛ mebɔ hu a, mede me ho bɛto wo so.
Þegar ég er hræddur, set ég traust mitt á þig.
4 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro. Ɛdeɛn na onipa dasani bɛtumi ayɛ me?
Ég treysti loforðum Guðs og veit því að þessir óvinir munu ekki ná mér, þeir eru aðeins dauðlegir menn!
5 Ɛda mu nyinaa wɔgye mʼano si bɔne; ɛberɛ biara wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛteetee me.
Þeir vinna gegn mér með öllum ráðum og hugsa um það eitt að fella mig.
6 Wɔbɔ pɔ, na wɔtetɛ, wɔhwɛ mʼanammɔntuo, na wɔpere sɛ wɔbɛkum me.
Þeir áreita mig, sitja um mig. Þeir liggja í leyni eins og stigamenn, hlusta eftir fótataki mínu og leggja ör á streng.
7 Ɛkwan biara so, mma wɔmfa wɔn ho nni; Ao Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuo mu.
Þeir halda sig sleppa við refsingu, og komast undan, en Drottinn, láttu þá fá makleg málagjöld, annað er ekki réttlátt.
8 Twerɛ me kwadwom to hɔ; sese me nisuo wɔ wo nwoma mmobɔeɛ no mu. Ɛnni deɛ woatwerɛ ato hɔ no mu anaa?
Þú þekkir alla hrakninga mína og tár, já, þekkir þau með tölu!
9 Sɛ mepɛ mmoa firi wo hɔ a, mʼatamfoɔ bɛsane wɔn akyi. Yei bɛma mahunu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa.
Þegar ég hrópa til þín um hjálp, breytist bardaginn. Óvinir mínir flýja! Þá veit ég að Guð er með mér! Hann liðsinnir mér!
10 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, Awurade a mekamfo nʼasɛm no,
Með hjálp Guðs mun ég lofa orð hans, já vissulega mun ég lofa orð hans.
11 mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro. Ɛdeɛn na ɔdasani bɛtumi ayɛ me?
Ég treysti Guði. Loforð hans eru dásamleg! Ég óttast ekki svikráð mannanna – hvað geta þeir gert mér?!
12 Ao Onyankopɔn, mehyɛ ɛbɔ a mahyɛ wo no ase, mede mʼaseda afɔdeɛ bɛbrɛ wo.
Drottinn, ég vil standa við orð mín og þakka þér hjálpina!
13 Ɛfiri sɛ, woagye me afiri owuo mu, woamma me nan ansunti, sɛdeɛ mɛtumi anante Onyankopɔn anim wɔ nkwa hann mu. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No.”
Þú hefur frelsað mig frá dauða og forðað frá hrösun og þess vegna fæ ég að njóta ljóss og lífs með þér.

< Nnwom 56 >