< Nnwom 56 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Aburuburo a ɔsi Akyirikyiri Odum so.” Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a Filistifoɔ kyeree no wɔ Gat no. Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibereɛ so; da mu nyinaa, wɔmia mmirika a wɔtu wɔtaa me no mu. 2 Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa; wɔn a wɔma wɔn ho so tia me dɔɔso. 3 Sɛ mebɔ hu a, mede me ho bɛto wo so. 4 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro. Ɛdeɛn na onipa dasani bɛtumi ayɛ me? 5 Ɛda mu nyinaa wɔgye mʼano si bɔne; ɛberɛ biara wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛteetee me. 6 Wɔbɔ pɔ, na wɔtetɛ, wɔhwɛ mʼanammɔntuo, na wɔpere sɛ wɔbɛkum me. 7 Ɛkwan biara so, mma wɔmfa wɔn ho nni; Ao Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuo mu. 8 Twerɛ me kwadwom to hɔ; sese me nisuo wɔ wo nwoma mmobɔeɛ no mu. Ɛnni deɛ woatwerɛ ato hɔ no mu anaa? 9 Sɛ mepɛ mmoa firi wo hɔ a, mʼatamfoɔ bɛsane wɔn akyi. Yei bɛma mahunu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa. 10 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, Awurade a mekamfo nʼasɛm no, 11 mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro. Ɛdeɛn na ɔdasani bɛtumi ayɛ me? 12 Ao Onyankopɔn, mehyɛ ɛbɔ a mahyɛ wo no ase, mede mʼaseda afɔdeɛ bɛbrɛ wo. 13 Ɛfiri sɛ, woagye me afiri owuo mu, woamma me nan ansunti, sɛdeɛ mɛtumi anante Onyankopɔn anim wɔ nkwa hann mu.

< Nnwom 56 >