< Nnwom 55 >

1 Dawid “maskil” dwom. Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ, mmu wʼani ngu me nkotosrɛ so,
達味訓誨歌,交與槳官。 天主,求你側耳傾聽我的祈禱,求你不要迴避我的哀告。
2 tie me na gye me so. Me dadwene ha me na ama mayɛ basaa,
求你俯視我,並垂允我,我痛苦憂傷,嘆息悲號:
3 wɔ deɛ mʼatamfoɔ reka ne sɛdeɛ amumuyɛfoɔ hwɛ me haa nti; wɔde amanehunu brɛ me; na wɔde abufuo sopa me.
由於仇敵的叫囂,並因惡人的吵鬧,因加於我的災禍,怒中給我的騷擾,
4 Mʼakoma wɔ ahoyera mu; na owuo huboa aba me so.
我的心在我胸內焦灼,死亡的恐怖籠罩了我,
5 Ehu ne ahopopoɔ akyekyere me. Ahodwirie abu afa me so.
驚懼與戰慄侵襲了我,恐怖與煩惱淹沒了我。
6 Mekaa sɛ, “Ao, sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburo a, anka mɛtu akɔ ama me ho atɔ me,
我於是說:但願我有鴿子般的翅膀,為能飛翔而去,棲身安藏!
7 anka mɛtu akɔ akyirikyiri akɔtena ɛserɛ so;
看,我必要逃往遠處,在荒涼的地方暫住;
8 anka mɛyɛ ntɛm akɔ mʼahintaeɛ, baabi a mframaden ne ahum mmɛn koraa.”
從速尋找一個避難所,避過這一場風狂雨暴。
9 Ao Awurade, ma amumuyɛfoɔ nyɛ basaa, na ma wɔn kasa ntoto, ɛfiri sɛ mɛhunu basabasayɛ ne apereapereɛ wɔ kuropɔn no mu.
我主,求你分散擾亂他們的語言,因我在城中只見到鬥爭與紛亂:
10 Awia ne anadwo wɔtetɛ nʼafasuo ho; adwemmɔne ne nsisie wɔ mu.
他們日夜在城牆上巡行,邪惡與欺壓在城中叢生。
11 Adesɛefoɔ dɔm reyɛ adwuma kuropɔn no mu. Ahunahuna ne nnaadaa wɔ ne mmɔntene so daa.
城池中已滿布詭計,霸道欺詐橫行街市。
12 Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔresopa me a, anka mɛtumi agyina ano; sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔrema ne ho so atia me a, anka mɛtumi de me ho ahinta no.
若是我的仇人辱罵我,我還可容忍;若是惱恨我者欺凌我,我尚可退隱;
13 Nanso, ɛyɛ wo, ɔdasani te sɛ me, me yɔnko pa ne me mʼadamfo brɛboɔ,
可惜是你,我的同僚,我的伙伴,我的友好;
14 a kane no na me ne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den ɛberɛ a yɛn nyinaa abɔ mu yuu rekɔ Onyankopɔn fie no.
我們曾經推心置腹,無所諱言,在人群中走進了天主的聖殿。
15 Ma owuo mmɛfa mʼatamfoɔ mpofirim; ma wɔnkɔ damena mu anikann, ɛfiri sɛ bɔne te wɔn mu. (Sheol h7585)
願死亡突襲他們,活活的墜入陰府!因為他們的居處和內心滿是惡毒。 (Sheol h7585)
16 Nanso, mesu frɛ Onyankopɔn, na Awurade gye me nkwa.
但我卻要呼號天主,上主必定予我救助。
17 Anwummerɛ, anɔpa ne awia, mede mmɔborɔnne su frɛ no, na ɔte me nne.
不論在黃昏在清晨或在中午,我哀聲悲嘆,祂必聽我的苦訴。
18 Ɔde ne ho bɔ afɔdeɛ ma me nya me tiri didim wɔ ɔko a wɔko tiaa me no mu, mpo bebree na wɔko tia me.
祂必從迫害我的人中,救我然脫險,因為那些反對我的人,實在眾多難算。
19 Onyankopɔn a wɔasi no ɔhene afebɔɔ no, ɔbɛte wɔn nka na waha wɔn, ɔbɛha nnipa a wɔnsesa wɔn akwan da na wɔnsuro Onyankopɔn nso.
永遠為王的天主必要俯聽我,而把他們趕走,因為他們不知回心轉意,又不知敬愛天主。
20 Me yɔnko to hyɛ ne nnamfonom so; na ɔbu nʼapam so.
他們伸手攻擊自己的友好,他們任意訂立違背的盟約。
21 Ɔwɔ tɛkrɛmawoɔ, nanso ɔtan wɔ nʼakomam. Nʼano asɛm dwodwo sene ngo, nanso ɛyɛ akofena a wɔatwe.
他們的容貌比奶油更光滑,心卻是好戰;他們的言語比脂粉還柔和,但口蜜腹劍。
22 Fa wo haw to Awurade so na ɔno na ɔbɛgye wo; ɔremma ɔteneneeni nhwe ase.
將你的重擔卸交上主,祂必扶持你,祂決對不會讓義人永遠動搖不止。
23 Nanso, wo, Ao Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumuyɛfoɔ ase ama wɔakɔ porɔeɛ amena mu; mogyapɛfoɔ ne adaadaafoɔ renni wɔn nkwanna mu fa. Me deɛ, mede me ho to wo so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Aburuburo a ɔsi Akyirikyiri Odum so.”
天主,求你使他們墮入滅亡的深穴!兇手和奸詐的歹徒必定中年夭折。上主,但我卻要時常一心唯你是賴。

< Nnwom 55 >