< Nnwom 54 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔbɔ no sankuo so. Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Sififoɔ kɔka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid abɛhinta wɔ yɛn mu.” Ao Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi di mʼasɛm ma me.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔbɔ no sanku so. Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no bere a Sififo kɔka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid abehintaw wɔ yɛn mu.” Ao, Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi bu me bem.
2 Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ; tie mʼanom nsɛm.
Ao, Onyankopɔn, tie me mpaebɔ; tie mʼanom nsɛm.
3 Ahɔhoɔ reto ahyɛ me so. Atirimuɔdenfoɔ repɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.
Ahɔho retow ahyɛ me so. Atirimɔdenfo rehwehwɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.
4 Ampa ara, Onyankopɔn ne me ɔboafoɔ; Awurade ne me hwɛfoɔ.
Ampa ara, Onyankopɔn ne me boafo; Awurade ne me hwɛfo.
5 Ma mmusuo nkyim mmra wɔn a wɔdi me ho nsekuro so; wo nokorɛdie mu, sɛe wɔn.
Ma mmusu nkyim mmra wɔn a wodi me ho nseku no so; wo nokwaredi mu, sɛe wɔn.
6 Mɛfiri me pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama wo; Ao Awurade, mɛyi wo din ayɛ, ɛfiri sɛ ɛyɛ.
Mefi me pɛ mu abɔ afɔre ama wo; Awurade, meyi wo din ayɛ, efisɛ eye.
7 Woagye me afiri me haw nyinaa mu, na mʼani ahunu nkonimdie wɔ mʼatamfoɔ so.
Woagye me afi me haw nyinaa mu, na mʼani ahu nkonimdi wɔ mʼatamfo so.

< Nnwom 54 >