< Nnwom 54 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔbɔ no sankuo so. Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Sififoɔ kɔka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid abɛhinta wɔ yɛn mu.” Ao Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi di mʼasɛm ma me. 2 Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ; tie mʼanom nsɛm. 3 Ahɔhoɔ reto ahyɛ me so. Atirimuɔdenfoɔ repɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee. 4 Ampa ara, Onyankopɔn ne me ɔboafoɔ; Awurade ne me hwɛfoɔ. 5 Ma mmusuo nkyim mmra wɔn a wɔdi me ho nsekuro so; wo nokorɛdie mu, sɛe wɔn. 6 Mɛfiri me pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama wo; Ao Awurade, mɛyi wo din ayɛ, ɛfiri sɛ ɛyɛ. 7 Woagye me afiri me haw nyinaa mu, na mʼani ahunu nkonimdie wɔ mʼatamfoɔ so.

< Nnwom 54 >