< Nnwom 53 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde “mahalat” sankuo nne na ɛto. Dawid dwom. Ɔkwasea ka nʼakoma mu sɛ, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔ, na wɔn akwan yɛ animguaseɛ. Baako koraa nni hɔ a ɔyɛ ade pa.
愚かなるものは心のうちに神なしといへり かれらは腐れたりかれらは憎むべき不義をおこなへり善をおこなふ者なし
2 Onyankopɔn firi soro hwɛ adasamma wɔ fam sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.
神は天より人の子をのぞみて悟るものと神をたづぬる者とありやなしやを見たまひしに
3 Obiara amane; wɔn nyinaa ayɛ bɔne; wɔn mu bi nni hɔ a ɔyɛ papa; ɔbaako mpo nni hɔ.
みな退ぞきてことごとく汚れたり善をなすものなし一人だになし
4 Enti abɔnefoɔ rensua nyansa anaa? Wɔwe me nkurɔfoɔ sɛdeɛ nnipa di aduane. Wɔnnsu mfrɛ Onyankopɔn.
不義をおこなふものは知覺なきか かれらは物くふごとくわが民をくらひ また神をよばふことをせざるなり
5 Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboa! Wɔn ho popo wɔ beaeɛ a ehu nni hɔ. Onyankopɔn bɛhwete wʼatamfoɔ no nnompe agu; wobɛgu wɔn anim ase, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu wɔn animtiaa.
かれらは懼るべきことのなきときに大におそれたり 神はなんぢにむかひて營をつらぬるものの骨をちらしたまへばなり 神かれらを棄たまひしによりて汝かれらを辱かしめたり
6 Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra! Onyankopɔn bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn. Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!
願くはシオンよりイスラエルの救のいでんことを 神その民のとらはれたるを返したまふときヤコブはよろこびイスラエルは樂まん

< Nnwom 53 >