< Nnwom 53 >
1 Dawid dwom. Ɔkwasea ka nʼakoma mu sɛ, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔ, na wɔn akwan yɛ animguaseɛ. Baako koraa nni hɔ a ɔyɛ ade pa.
Zborovođi. Prema napjevu “Bolest”. Poučna pjesma. Davidova. Bezumnik reče u srcu: “Nema Boga!” Pokvareni rade gadosti; nitko da čini dobro.
2 Onyankopɔn firi soro hwɛ adasamma wɔ fam sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.
Bog s nebesa gleda na sinove ljudske da vidi ima li tko razuman Boga da traži.
3 Obiara amane; wɔn nyinaa ayɛ bɔne; wɔn mu bi nni hɔ a ɔyɛ papa; ɔbaako mpo nni hɔ.
No svi skrenuše zajedno, svi se pokvariše: nitko da čini dobro - nikoga nema.
4 Enti abɔnefoɔ rensua nyansa anaa? Wɔwe me nkurɔfoɔ sɛdeɛ nnipa di aduane. Wɔnnsu mfrɛ Onyankopɔn.
Neće li se urazumiti svi što čine bezakonje, koji proždiru narod moj kao da jedu kruh? Boga oni ne zazivlju:
5 Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboa! Wɔn ho popo wɔ beaeɛ a ehu nni hɔ. Onyankopɔn bɛhwete wʼatamfoɔ no nnompe agu; wobɛgu wɔn anim ase, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu wɔn animtiaa.
od straha će drhtat' gdje straha i nema jer Bog će rasuti kosti onih koji tebe opsjedaju, bit će posramljeni jer će ih Bog odbaciti.
6 Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra! Onyankopɔn bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn. Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔbɔ no sankuo so.
O, neka dođe sa Siona spas Izraelu! Kad Bog promijeni udes naroda svoga, klicat će Jakov, radovat' se Izrael.