< Nnwom 52 >

1 Dawid “maskil” dwom. Ɔtoeɛ ɛberɛ a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid akɔ Ahimelek fie” no. Ɔkɛseɛ, adɛn enti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho? Adɛn enti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa, wo a woyɛ animguasedeɛ wɔ Onyankopɔn ani so?
Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo bere a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid akɔ Ahimelek fi” no. Ɔkɛse, adɛn nti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho? Adɛn nti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa, wo a woyɛ animguasede wɔ Onyankopɔn ani so?
2 Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛeɛ ho pɔ; ɛte sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahwe. Wo a wotwa nkontompo nko ara.
Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛe ho pɔw; ɛte sɛ oyiwan a ano yɛ nam yiye. Wo a wutwa nkontompo nko ara.
3 Wʼani gye bɔne ho sene papa, wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka nokorɛ.
Wʼani gye bɔne ho sen papa, wopɛ atoro sen sɛ wobɛka nokware.
4 Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba, Ao wo tɛkrɛma daadaafoɔ!
Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba, wo tɛkrɛma daadaafo!
5 Ampa ara, Onyankopɔn de ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ bɛbrɛ wo; ɔbɛtwe wo afiri wo ntomadan mu na watete wo mu; Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefoɔ asase so.
Ampa ara Onyankopɔn de ɔsɛe a enni awiei bɛbrɛ wo; ɔbɛtwe wo afi wo ntamadan mu na watetew wo mu; Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefo asase so.
6 Ateneneefoɔ bɛhunu yei na wɔasuro; wɔbɛsere no na wɔaka sɛ,
Atreneefo behu eyi na wɔasuro; wɔbɛserew no na wɔaka se,
7 “Hwɛ, onipa no nie deɛ wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandenden na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodoɔ so na ɔnyaa ahoɔden de sɛee afoforɔ no!”
“Hwɛ, onipa no ni, nea wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandennen na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodow so, na onyaa ahoɔden de sɛee afoforo no!”
8 Nanso, mete sɛ ngo dua a ɛrenyini wɔ Onyankopɔn fie: mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so daa nyinaa.
Nanso mete sɛ ngodua a ɛrenyin wɔ Onyankopɔn fi: mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so daa nyinaa.
9 Mɛyi wo ayɛ daa wɔ deɛ woayɛ nti; wo din so na mʼani bɛda, ɛfiri sɛ ɛyɛ. Mɛyi wo ayɛ wɔ wʼahotefoɔ anim. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde “mahalat” sankuo nne na ɛto.
Meyi wo ayɛ daa wɔ nea woayɛ nti; wo din so na mʼani bɛda, efisɛ eye. Meyi wo ayɛ wɔ wʼahotefo anim. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde “mahalat” sanku nne na ɛto.

< Nnwom 52 >