< Nnwom 52 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid “maskil” dwom. Ɔtoeɛ ɛberɛ a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid akɔ Ahimelek fie” no. Ɔkɛseɛ, adɛn enti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho? Adɛn enti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa, wo a woyɛ animguasedeɛ wɔ Onyankopɔn ani so?
Al maestro del coro. Maskil. Di Davide. Dopo che l'idumeo Doeg venne da Saul per informarlo e dirgli: «Davide è entrato in casa di Abimelech». Perché ti vanti del male o prepotente nella tua iniquità?
2 Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛeɛ ho pɔ; ɛte sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahwe. Wo a wotwa nkontompo nko ara.
Ordisci insidie ogni giorno; la tua lingua è come lama affilata, artefice di inganni.
3 Wʼani gye bɔne ho sene papa, wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka nokorɛ.
Tu preferisci il male al bene, la menzogna al parlare sincero.
4 Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba, Ao wo tɛkrɛma daadaafoɔ!
Ami ogni parola di rovina, o lingua di impostura.
5 Ampa ara, Onyankopɔn de ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ bɛbrɛ wo; ɔbɛtwe wo afiri wo ntomadan mu na watete wo mu; Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefoɔ asase so.
Perciò Dio ti demolirà per sempre, ti spezzerà e ti strapperà dalla tenda e ti sradicherà dalla terra dei viventi.
6 Ateneneefoɔ bɛhunu yei na wɔasuro; wɔbɛsere no na wɔaka sɛ,
Vedendo, i giusti saran presi da timore e di lui rideranno:
7 “Hwɛ, onipa no nie deɛ wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandenden na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodoɔ so na ɔnyaa ahoɔden de sɛee afoforɔ no!”
«Ecco l'uomo che non ha posto in Dio la sua difesa, ma confidava nella sua grande ricchezza e si faceva forte dei suoi crimini».
8 Nanso, mete sɛ ngo dua a ɛrenyini wɔ Onyankopɔn fie: mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so daa nyinaa.
Io invece come olivo verdeggiante nella casa di Dio. Mi abbandono alla fedeltà di Dio ora e per sempre.
9 Mɛyi wo ayɛ daa wɔ deɛ woayɛ nti; wo din so na mʼani bɛda, ɛfiri sɛ ɛyɛ. Mɛyi wo ayɛ wɔ wʼahotefoɔ anim.
Voglio renderti grazie in eterno per quanto hai operato; spero nel tuo nome, perché è buono, davanti ai tuoi fedeli.

< Nnwom 52 >