< Nnwom 51 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom a ɔtoo no ɛberɛ a ɔde ne ho kaa Batseba na odiyifoɔ Natan kɔɔ ne nkyɛn no. Ao Onyankopɔn hunu me mmɔbɔ, sɛdeɛ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no teɛ; wʼahummɔborɔ kɛseɛ no enti, pepa me mmarato.
For the choirmaster. A Psalm of David. When Nathan the prophet came to him after his adultery with Bathsheba. Have mercy on me, O God, according to Your loving devotion; according to Your great compassion, blot out my transgressions.
2 Hohoro mʼamumuyɛ nyinaa na te me ho firi me bɔne mu!
Wash me clean of my iniquity and cleanse me from my sin.
3 Na mahunu me mmarato, na mekae me bɔne daa.
For I know my transgressions, and my sin is always before me.
4 Mayɛ mfomsoɔ atia wo; atia wo nko ara na mayɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so, enti, wodi bem wɔ wo kasa mu na wotene wɔ wʼatemmuo mu.
Against You, You only, have I sinned and done what is evil in Your sight, so that You may be proved right when You speak and blameless when You judge.
5 Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu, na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me.
Surely I was brought forth in iniquity; I was sinful when my mother conceived me.
6 Ampa ara nokorɛ na wohwehwɛ wɔ me mu. Wokyerɛ me nyansa a emu dɔ.
Surely You desire truth in the inmost being; You teach me wisdom in the inmost place.
7 Fa hisope hohoro me ho, na me ho bɛte; dware me, na mɛhoa asene sukyerɛmma.
Purify me with hyssop, and I will be clean; wash me, and I will be whiter than snow.
8 Ma mente ahosɛpɛ ne anigyeɛ nka; na ma nnompe a woabubuo no nni ahurisie.
Let me hear joy and gladness; let the bones You have crushed rejoice.
9 Kata wʼani wɔ me bɔne ho na pepa mʼamumuyɛ nyinaa.
Hide Your face from my sins and blot out all my iniquities.
10 Ao Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ wɔ me mu, na ma me honhom foforɔ a ɛdi wo nokorɛ.
Create in me a clean heart, O God, and renew a right spirit within me.
11 Mpamo me mfiri wʼanim na ɛnyi wo Honhom Kronkron mfiri me mu.
Cast me not away from Your presence; take not Your Holy Spirit from me.
12 Fa wo nkwagyeɛ mu anigyeɛ no ma me bio na ma me ɔsetie honhom a ɛbɛkura me.
Restore to me the joy of Your salvation, and sustain me with a willing spirit.
13 Afei mɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ wʼakwan, na amumuyɛfoɔ bɛsane aba wo nkyɛn.
Then I will teach transgressors Your ways, and sinners will return to You.
14 Ao Onyankopɔn, gye me firi mogya ho afɔdie mu. Onyame a wogye me nkwa, na me tɛkrɛma bɛto wo tenenee ho dwom.
Deliver me from bloodguilt, O God, the God of my salvation, and my tongue will sing of Your righteousness.
15 Ao Awurade, bue mʼano fafa, na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayɛyie.
O Lord, open my lips, and my mouth will declare Your praise.
16 Wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ; wʼani nnye ɔhyeɛ afɔdeɛ ho.
For You do not delight in sacrifice, or I would bring it; You take no pleasure in burnt offerings.
17 Onyankopɔn afɔdeɛ a ɔpɛ yɛ honhom a abotoɔ. Ao Onyankopɔn, worempo ahonu ne ahobrɛaseɛ akoma.
The sacrifices of God are a broken spirit; a broken and a contrite heart, O God, You will not despise.
18 Ao Onyankopɔn, ma Sion nya nkɔsoɔ wɔ wʼanigyeɛ mu; na to Yerusalem afasuo.
In Your good pleasure, cause Zion to prosper; build up the walls of Jerusalem.
19 Afei afɔrebɔ a ɛho teɛ bɛba, ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛdi mu a ɛbɛsɔ wʼani; na wɔde anantwinini bɛbɔ afɔdeɛ wʼafɔrebukyia so.
Then You will delight in righteous sacrifices, in whole burnt offerings; then bulls will be offered on Your altar.

< Nnwom 51 >