< Nnwom 51 >
1 Dawid dwom a ɔtoo no ɛberɛ a ɔde ne ho kaa Batseba na odiyifoɔ Natan kɔɔ ne nkyɛn no. Ao Onyankopɔn hunu me mmɔbɔ, sɛdeɛ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no teɛ; wʼahummɔborɔ kɛseɛ no enti, pepa me mmarato.
(Til sangmesteren. En salme af David, dengang Natan kom til ham, efter at han havde været inde hos Batseba.) Gud, vær mig nådig efter din Miskundhed, udslet mine Overtrædelser efter din store Barmhjertighed,
2 Hohoro mʼamumuyɛ nyinaa na te me ho firi me bɔne mu!
tvæt mig fuldkommen ren for min Skyld og rens mig for min Synd!
3 Na mahunu me mmarato, na mekae me bɔne daa.
Mine Overtrædelser kender jeg jo, min Synd står mig altid for Øje.
4 Mayɛ mfomsoɔ atia wo; atia wo nko ara na mayɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so, enti, wodi bem wɔ wo kasa mu na wotene wɔ wʼatemmuo mu.
Mod dig har jeg syndet, mod dig alene, og gjort, hvad i dine Øjne er ondt, at du må få Ret, når du taler, stå ren, når du dømmer.
5 Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu, na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me.
Se, jeg er født i Misgerning, min Moder undfanged mig i Synd.
6 Ampa ara nokorɛ na wohwehwɛ wɔ me mu. Wokyerɛ me nyansa a emu dɔ.
Du elsker jo Sandhed i Hjertets Løndom, så lær mig da Visdom i Hjertedybet.
7 Fa hisope hohoro me ho, na me ho bɛte; dware me, na mɛhoa asene sukyerɛmma.
Rens mig for Synd med Ysop, tvæt mig hvidere end Sne;
8 Ma mente ahosɛpɛ ne anigyeɛ nka; na ma nnompe a woabubuo no nni ahurisie.
mæt mig med Fryd og Glæde, lad de Ben, du knuste, juble;
9 Kata wʼani wɔ me bɔne ho na pepa mʼamumuyɛ nyinaa.
skjul dit Åsyn for mine Synder, udslet alle mine Misgerninger;
10 Ao Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ wɔ me mu, na ma me honhom foforɔ a ɛdi wo nokorɛ.
skab mig, o Gud, et rent Hjerte, giv en ny, en stadig Ånd i mit Indre;
11 Mpamo me mfiri wʼanim na ɛnyi wo Honhom Kronkron mfiri me mu.
kast mig ikke bort fra dit Åsyn, tag ikke din hellige Ånd fra mig;
12 Fa wo nkwagyeɛ mu anigyeɛ no ma me bio na ma me ɔsetie honhom a ɛbɛkura me.
glæd mig igen med din Frelse, giv mig til Støtte en villig Ånd!
13 Afei mɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ wʼakwan, na amumuyɛfoɔ bɛsane aba wo nkyɛn.
Da vil jeg lære Overtrædere dine Veje, og Syndere skal vende om til dig.
14 Ao Onyankopɔn, gye me firi mogya ho afɔdie mu. Onyame a wogye me nkwa, na me tɛkrɛma bɛto wo tenenee ho dwom.
Fri mig fra Blodskyld, Gud, min Frelses Gud, så skal min Tunge lovsynge din Retfærd;
15 Ao Awurade, bue mʼano fafa, na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayɛyie.
Herre, åben mine Læber, så skal min Mund forkynde din Pris.
16 Wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ; wʼani nnye ɔhyeɛ afɔdeɛ ho.
Thi i Slagtoffer har du ikke Behag, og gav jeg et Brændoffer, vandt det dig ikke.
17 Onyankopɔn afɔdeɛ a ɔpɛ yɛ honhom a abotoɔ. Ao Onyankopɔn, worempo ahonu ne ahobrɛaseɛ akoma.
Offer for Gud er en sønderbrudt Ånd; et sønderbrudt, sønderknust Hjerte agter du ikke ringe, o Gud.
18 Ao Onyankopɔn, ma Sion nya nkɔsoɔ wɔ wʼanigyeɛ mu; na to Yerusalem afasuo.
Gør vel i din Nåde mod Zion, opbyg Jerusalems Mure!
19 Afei afɔrebɔ a ɛho teɛ bɛba, ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛdi mu a ɛbɛsɔ wʼani; na wɔde anantwinini bɛbɔ afɔdeɛ wʼafɔrebukyia so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Da skal du have Behag i rette Ofre, Brænd- og Heloffer, da bringes Tyre op på dit Alter.