< Nnwom 50 >

1 Asaf dwom. Tweaduampɔn, Onyankopɔn, Awurade no kasa, na ɔfrɛ asase nyinaa ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ.
Asaf dwom. Tweduampɔn, Onyankopɔn, Awurade no kasa, na ɔfrɛ asase nyinaa efi apuei kosi atɔe.
2 Onyankopɔn hran firi Sion kuro a ne fɛ wie pɛ yɛ.
Onyankopɔn hyerɛn fi Sion kurow a ne fɛ wie pɛyɛ.
3 Yɛn Onyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm; ogya a ɛhye nneɛma di nʼanim, ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia.
Yɛn Nyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm; ogya a ɛhyew nneɛma di nʼanim, ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia.
4 Ɔfrɛ ɔsorosoro ne asase, sɛ ɔrebu ne nkurɔfoɔ atɛn;
Ɔfrɛ ɔsorosoro ne asase, sɛ ɔrebu ne nkurɔfo atɛn;
5 Ɔka sɛ, “Boaboa nnipa a wɔate wɔn ho no ano ma me, wɔn a wɔnam afɔrebɔdeɛ so ne me yɛɛ apam no.”
Ɔka se, “Boaboa nnipa a wɔatew wɔn ho no ano ma me; wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me yɛɛ apam no.”
6 Ɔsoro pae mu ka ne tenenee, na Onyankopɔn ankasa ne ɔtemmufoɔ.
Ɔsoro pae mu ka ne trenee, na Onyankopɔn ankasa ne otemmufo.
7 “Montie, me nkurɔfoɔ na mɛkasa, mɛdi adanseɛ atia wo, Ao Israel; Mene Onyankopɔn, wo Onyankopɔn no.
“Muntie, me nkurɔfo, na mɛkasa, medi adanse atia wo, Israel; Mene Onyankopɔn, wo Nyankopɔn no.
8 Merenka mo anim wɔ mo afɔrebɔdeɛ anaa mo hyeɛ afɔdeɛ a ɛwɔ mʼanim daa no ho.
Merenka mo anim wɔ mo afɔrebɔde anaa mo hyew afɔre a ɛwɔ mʼanim daa no ho.
9 Anantwinini a wɔfiri mo mfuo so anaa mpapo a wɔfiri mo buo mu ho nhia me,
Anantwinini a wofi mo mfuw so anaa mpapo a wofi mo buw mu ho nhia me,
10 ɛfiri sɛ kwaeɛ mu aboa biara yɛ me dea, anantwie a wɔwɔ nkokoɔ mpempem so nso saa ara.
efisɛ kwae mu aboa biara yɛ me de, anantwi a wɔwɔ nkoko mpempem so nso saa ara.
11 Menim anomaa biara a ɔwɔ mmepɔ no so, na wiram abɔdeɛ nyinaa yɛ me dea.
Minim anomaa biara a ɔwɔ mmepɔw no so, na wuram abɔde nyinaa yɛ me de.
12 Sɛ ɛkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo; ɛfiri sɛ, ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ me dea.
Sɛ ɔkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo; efisɛ, wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ me de.
13 Mewe anantwinini nam, na menom mpapo mogya anaa?
Mewe anantwinini nam, na menom mpapo mogya ana?
14 Momfa aseda afɔdeɛ mma Onyankopɔn, na monni bɔhyɛ a mohyɛɛ Ɔsorosoroni no so,
Momfa aseda afɔre mma Onyankopɔn, na munni bɔ a mohyɛɛ Ɔsorosoroni no so,
15 na momfrɛ me da hiada; na mɛgye mo na moahyɛ me animuonyam.”
na momfrɛ me hiada; na megye mo na moahyɛ me anuonyam.”
16 Nanso, amumuyɛfoɔ deɛ, Onyankopɔn bisa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moka me mmara ho asɛm na mʼapam da mo ano?
Nanso amumɔyɛfo de, Onyankopɔn bisa wɔn se, “Adɛn nti na moka me mmara na mʼapam da mo ano?
17 Mokyiri me nkyerɛkyerɛ na moto me nsɛm gu mo akyi.
Mukyi me nkyerɛkyerɛ, na motow me nsɛm gu mo akyi.
18 Sɛ mohunu ɔkorɔmfoɔ a, mode mo ho bɔ no; na mo ne awaresɛefoɔ nso bɔ.
Sɛ muhu ɔkorɔmfo a mode mo ho bɔ no; na mo ne nguaman nso bɔ.
19 Mode mo ano yɛ bɔne na mode mo tɛkrɛma boaboa nnaadaa ano.
Mode mo ano yɛ bɔne, na mode mo tɛkrɛma boaboa nnaadaa ano.
20 Mokasa tia mo nuabarima ɛberɛ biara na mosopa mo ankasa maame ba.
Mokasa tia mo nuabarima bere biara na mosopa mo ankasa na ba.
21 Moayɛ yeinom nyinaa; nanso manka hwee, enti mosusu sɛ mete sɛ mo. Nanso mɛka mo anim na mede mo soboɔ asi mo anim.
Moayɛ eyinom nyinaa; nanso manka hwee, enti mususuw sɛ mete sɛ mo. Nanso mɛka mo anim, na mede mo sobo asi mo anim.
22 “Monnwene yei ho, mo a mo werɛ firi Onyankopɔn, anyɛ saa a, mɛtete mo mu nketenkete a obiara mmɛgye mo;
“Munnwen eyi ho, mo a mo werɛ fi Onyankopɔn, anyɛ saa a, mɛtetew mo mu nketenkete a obiara remmegye mo;
23 Deɛ ɔbɔ aseda afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam, na ɔsiesie ɛkwan sɛdeɛ mɛda Onyankopɔn nkwagyeɛ adi akyerɛ no.”
Nea ɔbɔ aseda afɔre no hyɛ me anuonyam, na osiesie kwan sɛnea mɛda Onyankopɔn nkwagye adi akyerɛ no.”

< Nnwom 50 >