< Nnwom 5 >
1 Dawid dwom. Ao Awurade, yɛ aso ma me nsɛm na dwene mʼapinisie ho.
Dawid dwom. Ao Awurade, yɛ aso ma me nsɛm na dwene mʼapinisie ho.
2 Tie me mmoa ho sufrɛ, me Ɔhene ne me Onyankopɔn, ɛfiri sɛ wo na mebɔ wo mpaeɛ.
Tie me mmoa ho sufrɛ, me Ɔhene ne me Onyankopɔn, ɛfiri sɛ wo na mebɔ wo mpaeɛ.
3 Ao, Awurade, wote me nne anɔpa; anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim na mede anidasoɔ twɛn.
Ao, Awurade, wote me nne anɔpa; anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim na mede anidasoɔ twɛn.
4 Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho; na amumuyɛfoɔ rentumi ne wo ntena.
Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho; na amumuyɛfoɔ rentumi ne wo ntena.
5 Ahantanfoɔ rentumi nnyina wʼanim; wokyiri wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.
Ahantanfoɔ rentumi nnyina wʼanim; wokyiri wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.
6 Wosɛe wɔn a wɔka atorɔsɛm; Awurade kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.
Wosɛe wɔn a wɔka atorɔsɛm; Awurade kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.
7 Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe enti, mɛba wo fie; na anidie mu na mɛkoto akyerɛ wʼasɔredan kronkron no.
Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe enti, mɛba wo fie; na anidie mu na mɛkoto akyerɛ wʼasɔredan kronkron no.
8 Ao Awurade kyerɛ me ɛkwan wɔ wo tenenee mu mʼatamfoɔ enti, bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim.
Ao Awurade kyerɛ me ɛkwan wɔ wo tenenee mu mʼatamfoɔ enti, bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim.
9 Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokorɛ; ɔsɛeɛ ahyɛ wɔn akoma ma. Wɔn menewa yɛ damena a ɛso abue wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.
Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokorɛ; ɔsɛeɛ ahyɛ wɔn akoma ma. Wɔn menewa yɛ damena a ɛso abue wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.
10 Ao, Onyankopɔn, bu wɔn fɔ! Ma wɔn pɔ bɔne nyɛ wɔn ahweaseɛ. Pam wɔn ɛsiane wɔn bɔne dodoɔ no enti, ɛfiri sɛ wɔasɔre atia wo.
Ao, Onyankopɔn, bu wɔn fɔ! Ma wɔn pɔ bɔne nyɛ wɔn ahweaseɛ. Pam wɔn ɛsiane wɔn bɔne dodoɔ no enti, ɛfiri sɛ wɔasɔre atia wo.
11 Nanso, ma wɔn a wɔdwane ba wo nkyɛn no ani nnye; ma wɔmfa anigyeɛ nto dwom daa. Trɛ wo banbɔ mu wɔ wɔn so, na wɔn a wɔdɔ wo din no ma wɔn ani nnye wɔ wo mu.
Nanso, ma wɔn a wɔdwane ba wo nkyɛn no ani nnye; ma wɔmfa anigyeɛ nto dwom daa. Trɛ wo banbɔ mu wɔ wɔn so, na wɔn a wɔdɔ wo din no ma wɔn ani nnye wɔ wo mu.
12 Ao Awurade, ampa ara, wohyira teneneefoɔ; na wode wʼayamyɛ twa wɔn ho hyia te sɛ akokyɛm. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ ɔmfa sankuhoma nto wɔ Seminit ɛnne so.
Ao Awurade, ampa ara, wohyira teneneefoɔ; na wode wʼayamyɛ twa wɔn ho hyia te sɛ akokyɛm. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ ɔmfa sankuhoma nto wɔ Seminit ɛnne so.