< Nnwom 5 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto. Dawid dwom. Ao Awurade, yɛ aso ma me nsɛm na dwene mʼapinisie ho.
למנצח אל הנחילות מזמור לדוד אמרי האזינה יהוה בינה הגיגי׃
2 Tie me mmoa ho sufrɛ, me Ɔhene ne me Onyankopɔn, ɛfiri sɛ wo na mebɔ wo mpaeɛ.
הקשיבה לקול שועי מלכי ואלהי כי אליך אתפלל׃
3 Ao, Awurade, wote me nne anɔpa; anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim na mede anidasoɔ twɛn.
יהוה בקר תשמע קולי בקר אערך לך ואצפה׃
4 Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho; na amumuyɛfoɔ rentumi ne wo ntena.
כי לא אל חפץ רשע אתה לא יגרך רע׃
5 Ahantanfoɔ rentumi nnyina wʼanim; wokyiri wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.
לא יתיצבו הוללים לנגד עיניך שנאת כל פעלי און׃
6 Wosɛe wɔn a wɔka atorɔsɛm; Awurade kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.
תאבד דברי כזב איש דמים ומרמה יתעב יהוה׃
7 Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe enti, mɛba wo fie; na anidie mu na mɛkoto akyerɛ wʼasɔredan kronkron no.
ואני ברב חסדך אבוא ביתך אשתחוה אל היכל קדשך ביראתך׃
8 Ao Awurade kyerɛ me ɛkwan wɔ wo tenenee mu mʼatamfoɔ enti, bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim.
יהוה נחני בצדקתך למען שוררי הושר לפני דרכך׃
9 Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokorɛ; ɔsɛeɛ ahyɛ wɔn akoma ma. Wɔn menewa yɛ damena a ɛso abue wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.
כי אין בפיהו נכונה קרבם הוות קבר פתוח גרונם לשונם יחליקון׃
10 Ao, Onyankopɔn, bu wɔn fɔ! Ma wɔn pɔ bɔne nyɛ wɔn ahweaseɛ. Pam wɔn ɛsiane wɔn bɔne dodoɔ no enti, ɛfiri sɛ wɔasɔre atia wo.
האשימם אלהים יפלו ממעצותיהם ברב פשעיהם הדיחמו כי מרו בך׃
11 Nanso, ma wɔn a wɔdwane ba wo nkyɛn no ani nnye; ma wɔmfa anigyeɛ nto dwom daa. Trɛ wo banbɔ mu wɔ wɔn so, na wɔn a wɔdɔ wo din no ma wɔn ani nnye wɔ wo mu.
וישמחו כל חוסי בך לעולם ירננו ותסך עלימו ויעלצו בך אהבי שמך׃
12 Ao Awurade, ampa ara, wohyira teneneefoɔ; na wode wʼayamyɛ twa wɔn ho hyia te sɛ akokyɛm.
כי אתה תברך צדיק יהוה כצנה רצון תעטרנו׃

< Nnwom 5 >