< Nnwom 49 >

1 Kora mma dwom. Nnipa nyinaa, montie; monyɛ aso, mo a mowɔ ewiase yi mu nyinaa,
聖歌隊の指揮者によってうたわせたコラの子の歌 もろもろの民よ、これを聞け、すべて世に住む者よ、耳を傾けよ。
2 deɛ ɔyɛ abomfiaa ne deɛ ɔdi mu, adefoɔ ne ahiafoɔ nyinaa.
低きも高きも、富めるも貧しきも、共に耳を傾けよ。
3 Mʼano bɛka anyansasɛm; nsɛm a ɛfiri mʼakomam bɛma nhunumu.
わが口は知恵を語り、わが心は知識を思う。
4 Mɛbrɛ mʼaso ase atie abɛbusɛm; na menam sankubɔ so bɛte aseɛ ama makyerɛ abɛbusɛm no ase.
わたしは耳をたとえに傾け、琴を鳴らして、わたしのなぞを解き明かそう。
5 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mesuro nna bɔne, ɛberɛ a amumuyɛfoɔ adaadaafoɔ atwa me ho ahyia,
わたしをしえたげる者の不義がわたしを取り囲む悩みの日に、どうして恐れなければならないのか。
6 wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya soɔ na wɔde wɔn adedodoɔ hoahoa wɔn ho?
彼らはおのが富をたのみ、そのたからの多いのを誇る人々である。
7 Onipa biara rentumi nnye nʼankasa nkwa na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn.
まことに人はだれも自分をあがなうことはできない。そのいのちの価を神に払うことはできない。
8 Nkwa ho mpata boɔ yɛ den, sika biara rentumi ntɔ,
9 sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ a ɔrenhunu porɔeɛ.
とこしえに生きながらえて、墓を見ないためにそのいのちをあがなうには、あまりに価高くて、それを満足に払うことができないからである。
10 Obiara nim pefee sɛ anyansafoɔ wu; saa ara na nkwaseafoɔ ne agyimifoɔ nso wuo na wɔgya wɔn ahonya hɔ ma afoforɔ.
まことに賢い人も死に、愚かな者も、獣のような者も、ひとしく滅んで、その富を他人に残すことは人の見るところである。
11 Wɔn adamena bɛyɛ wɔn afie afebɔɔ. Ɛhɔ na wɔbɛtena awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi ɛberɛ a ɛnni awieeɛ mu, wɔn din a wɔde totoo nsase so nyinaa akyi.
たとい彼らはその地を自分の名をもって呼んでも、墓こそ彼らのとこしえのすまい、世々彼らのすみかである。
12 Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa; ɔte sɛ mmoa a wɔwuo no ara.
人は栄華のうちに長くとどまることはできない、滅びうせる獣にひとしい。
13 Yei ne deɛ ɛda hɔ ma wɔn a wɔgye wɔn ho die, ne wɔn akyidifoɔ a wɔfoa wɔn nsɛm soɔ.
これぞ自分をたのむ愚かな者どもの成りゆき、自分の分け前を喜ぶ者どもの果である。 (セラ)
14 Wɔte sɛ nnwan na wɔbɛkɔ damena mu, na owuo de wɔn bɛyɛ nʼaduane. Teneneefoɔ bɛdi wɔn so anɔpa; wɔn onipadua bɛporɔ wɔ damena mu, na wɔne wɔn adan akɛseɛ no ntam kwan bɛware. (Sheol h7585)
彼らは陰府に定められた羊のように死が彼らを牧するであろう。彼らはまっすぐに墓に下り、そのかたちは消えうせ、陰府が彼らのすまいとなるであろう。 (Sheol h7585)
15 Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɛgye me afiri damena mu; ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn. (Sheol h7585)
しかし神はわたしを受けられるゆえ、わたしの魂を陰府の力からあがなわれる。 (セラ) (Sheol h7585)
16 Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnha wo; na sɛ ne fie anigyeɛ yɛ bebree a, mma no nha wo;
人が富を得るときも、その家の栄えが増し加わるときも、恐れてはならない。
17 ɛfiri sɛ, sɛ ɔwu a, ɔremfa hwee nkɔ, nʼanimuonyam ne no renkɔ amena mu.
彼が死ぬときは何ひとつ携え行くことができず、その栄えも彼に従って下って行くことはないからである。
18 Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no, ɛfiri sɛ wɔkamfo nnipa ɛberɛ a wɔdi yie,
たとい彼が生きながらえる間、自分を幸福と思っても、またみずから幸な時に、人々から称賛されても、
19 nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho, wɔn a wɔrenhunu nkwa hann ara da no.
彼はついにおのれの先祖の仲間に連なる。彼らは絶えて光を見ることがない。
20 Onipa a ɔwɔ ahonya na ɔnni nhunumu no, ɔte sɛ aboa a ɔwuo.
人は栄華のうちに長くとどまることはできない。滅びうせる獣にひとしい。

< Nnwom 49 >