< Nnwom 48 >

1 Kora mma dwom. Awurade yɛ kɛseɛ na ɔsɛ nkamfo wɔ yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu, ne bepɔ kronkron so.
Koramma dwom. Awurade yɛ ɔkɛse na ɔsɛ nkamfo, wɔ yɛn Nyankopɔn kuropɔn mu, ne bepɔw kronkron so.
2 Kuropɔn no ɔsorokɔ yɛ fɛ, ɛyɛ ewiase nyinaa anigyedeɛ. Bepɔ Sion te sɛ Safon sorɔnsorɔmmea, Ɔhene Kɛseɛ no kuropɔn.
Ne sorokɔ ma ɛyɛ fɛ, ɛyɛ wiase nyinaa anigyede. Bepɔw Sion te sɛ Safon sorɔnsorɔmmea, Ɔhenkɛse no kuropɔn.
3 Onyankopɔn te nʼabankɛsewa mu. Wada ne ho adi sɛ ɔyɛ nʼaban.
Onyankopɔn te nʼabankɛse mu wada ne ho adi sɛ ɔyɛ nʼabandennen.
4 Ɛberɛ a ahemfo yi boaa wɔn ho ano, na wɔtuu ɔsa bɔɔ mu no,
Bere a ahemfo yi boaa wɔn ho ano, na wotuu ɔsa bɔɔ mu no,
5 wɔhunuu no ma ɛyɛɛ wɔn ahodwirie, na wɔde ehu dwaneeɛ.
wohuu no ma ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na wɔde ehu guanee.
6 Nketenkete kyeree wɔn wɔ hɔ, ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a awoɔ aka no.
Wɔbɔɔ huboa wɔ hɔ, ɔyaw a ɛte sɛ ɔbea a awo aka no.
7 Wosɛee wɔn sɛ Tarsis ahyɛn a apueeɛ mframa abɔ adwira wɔn.
Wosɛe wɔn sɛ Tarsis ahyɛn a apuei mframa abɔ adwira wɔn.
8 Sɛdeɛ yɛate no, saa ara na yɛahunu wɔ Otumfoɔ Awurade kuropɔn no mu, yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu; Onyankopɔn ma ɛtim hɔ afebɔɔ.
Sɛnea yɛate no, saa ara na yɛahu wɔ Asafo Awurade kuropɔn no mu, yɛn Nyankopɔn kuropɔn mu; Onyankopɔn ma etim hɔ afebɔɔ.
9 Wʼasɔredan no mu, Ao Onyankopɔn, na yɛdwene wo dɔ a ɛnsa da no ho,
Wʼasɔredan no mu; Ao, Onyankopɔn, na yɛdwene wo dɔ a enni huammɔ da no ho,
10 Ao Onyankopɔn, wʼayɛyie duru asase ano te sɛ wo din; tenenee ayɛ wo nsa nifa mu ma.
Ao, Onyankopɔn, wʼayeyi du asase ano te sɛ wo din te; trenee ayɛ wo nsa nifa mu ma.
11 Sion bepɔ di ahurisie, Yuda nkuraase no ani gye ɛsiane wʼatemmuo no enti.
Sion bepɔw di ahurusi, Yuda nkuraase no ani gye esiane wʼatemmu no nti.
12 Nante Sion na twa ho hyia, kan nʼabantenten dodoɔ,
Nantew Sion na twa ho hyia, kan nʼabantenten dodow,
13 dwene nʼafasuo ho yie, hwɛ nʼabankɛsewa no, na woaka ho asɛm akyerɛ nkyirimma.
dwene nʼafasu ho yiye, hwɛ nʼabankɛse no, na woaka ho asɛm akyerɛ nkyirimma.
14 Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Onyankopɔn daa daa; mpo ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ akɔsi awieeɛ.
Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa; ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfo akosi awiei mpo.

< Nnwom 48 >