< Nnwom 47 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam; momfa anigyeɛ nteam mfrɛ Onyankopɔn. 2 Awurade Ɔsorosoroni no ho yɛ nwanwa, Ɔyɛ Ɔhene kɛseɛ wɔ asase nyinaa so! 3 Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase, na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn nan ase. 4 Ɔyii yɛn agyapadeɛ maa yɛn, deɛ ɛyɛ Yakob a ɔdɔ noɔ no ahohoahoadeɛ. 5 Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigyeɛ nteateam mu. Awurade wɔ totorobɛnto nnyegyeeɛ mu. 6 To ayɛyie nnwom ma Onyankopɔn, to ayɛyie nnwom; to ayɛyie nnwom ma yɛn Ɔhene, to ayɛyie nnwom. 7 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Ɔhene. Monto ahurisie nnwom mma no. 8 Onyankopɔn di ɔhene wɔ amanaman no so Onyankopɔn te nʼahennwa kronkron so. 9 Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano sɛ Abraham Onyankopɔn nkurɔfoɔ, ɛfiri sɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn dea; na wɔma no so yɛ no kɛseɛ.

< Nnwom 47 >