< Nnwom 46 >

1 Kora mma dwom. Wɔto no “alamot” sankuo nne so. Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea ne yɛn ahoɔden, amanehunu mu ɔboafoɔ a ɔwɔ hɔ ɛberɛ biara.
למנצח לבני-קרח-- על-עלמות שיר ב אלהים לנו מחסה ועז עזרה בצרות נמצא מאד
2 Enti sɛ asase ani dane butu na mmepɔ tutu kɔgu ɛpo ase a, yɛrensuro,
על-כן לא-נירא בהמיר ארץ ובמוט הרים בלב ימים
3 sɛ ɛpo bɔ asorɔkye na ɛhuru na ɛma nkokoɔ woso mpo a, yɛrensuro.
יהמו יחמרו מימיו ירעשו הרים בגאותו סלה
4 Asutene bi wɔ hɔ a ne nsuwansuwa de anigyeɛ ba Onyankopɔn kuropɔn mu, beaeɛ kronkron a Ɔsorosoroni no teɛ.
נהר--פלגיו ישמחו עיר-אלהים קדש משכני עליון
5 Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase; Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.
אלהים בקרבה בל-תמוט יעזרה אלהים לפנות בקר
6 Amanaman yɛ hoo, na ahennie hwehwe ase; ɔma ne nne so ma asase nane.
המו גוים מטו ממלכות נתן בקולו תמוג ארץ
7 Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho. Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban.
יהוה צבאות עמנו משגב-לנו אלהי יעקב סלה
8 Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma, ɔsɛeɛ a ɔde aba asase no so.
לכו-חזו מפעלות יהוה-- אשר-שם שמות בארץ
9 Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano. Ɔbubu agyan mu na ɔsɛe pea; ɔde ogya hye nkataboɔ.
משבית מלחמות עד-קצה הארץ קשת ישבר וקצץ חנית עגלות ישרף באש
10 Monyɛ komm na monhunu sɛ me ne Onyankopɔn; wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu, wɔbɛma me so wɔ asase so.
הרפו ודעו כי-אנכי אלהים ארום בגוים ארום בארץ
11 Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho; Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
יהוה צבאות עמנו משגב-לנו אלהי יעקב סלה

< Nnwom 46 >