< Nnwom 46 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. Wɔto no “alamot” sankuo nne so. Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea ne yɛn ahoɔden, amanehunu mu ɔboafoɔ a ɔwɔ hɔ ɛberɛ biara.
For the end, for the sons of Core; a Psalm concerning secret things. God is our refuge and strength, a help in the afflictions that have come heavily upon us.
2 Enti sɛ asase ani dane butu na mmepɔ tutu kɔgu ɛpo ase a, yɛrensuro,
Therefore will we not fear when the earth is troubled, and the mountains are removed into the depths of the seas.
3 sɛ ɛpo bɔ asorɔkye na ɛhuru na ɛma nkokoɔ woso mpo a, yɛrensuro.
Their waters have roared and been troubled, the mountains have been troubled by his might. (Pause)
4 Asutene bi wɔ hɔ a ne nsuwansuwa de anigyeɛ ba Onyankopɔn kuropɔn mu, beaeɛ kronkron a Ɔsorosoroni no teɛ.
The flowings of the river gladden the city of God: the Most High has sanctified his tabernacle.
5 Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase; Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.
God is in the midst of her; she shall not be moved: God shall help her with his countenance.
6 Amanaman yɛ hoo, na ahennie hwehwe ase; ɔma ne nne so ma asase nane.
The nations were troubled, the kingdoms tottered: he uttered his voice, the earth shook.
7 Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho. Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban.
The Lord of hosts is with us; the God of Jacob is our helper. (Pause)
8 Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma, ɔsɛeɛ a ɔde aba asase no so.
Come, and behold the works of the Lord, what wonders he has achieved on the earth.
9 Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano. Ɔbubu agyan mu na ɔsɛe pea; ɔde ogya hye nkataboɔ.
Putting an end to wars as for the ends of the earth; he will crush the bow, and break in pieces the weapon, and burn the bucklers with fire.
10 Monyɛ komm na monhunu sɛ me ne Onyankopɔn; wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu, wɔbɛma me so wɔ asase so.
Be still, and know that I am God: I will be exalted among the nations, I will be exalted in the earth.
11 Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho; Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban.
The Lord of hosts is with us; the God of Jacob is our helper.

< Nnwom 46 >