< Nnwom 44 >
1 Kora mma “maskil” dwom. Ao Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate; yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn; deɛ woyɛeɛ wɔ wɔn berɛ so, wɔ tete mmerɛ no mu.
В конец, сынов Кореовых, в разум, псалом. Боже, ушима нашима услышахом, и отцы наши возвестиша нам дело, еже соделал еси во днех их, во днех древних.
2 Wode wo nsa pamoo amanaman no na wobɔɔ yɛn agyanom atenaseɛ; wodwerɛɛ nnipa no na womaa yɛn agyanom dii yie.
Рука Твоя языки потреби, и насадил я еси: озлобил еси люди и изгнал еси я.
3 Ɛnyɛ wɔn akofena na wɔde nyaa asase no, na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdie; ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa, ne wʼanim hann, ɛfiri sɛ na wodɔ wɔn.
Не бо мечем своим наследиша землю, и мышца их не спасе их, но десница Твоя и мышца Твоя и просвещение лица Твоего, яко благоволил еси в них.
4 Woyɛ me Ɔhene ne me Onyankopɔn, deɛ ɔhyɛ nkonimdie ma Yakob.
Ты еси сам Царь мой и Бог мой, заповедаяй спасения Иаковля.
5 Ɛnam wo so na yɛpamoo yɛn Atamfoɔ; wo din mu na yɛtiatia wɔn a wɔkyiri yɛn soɔ.
О Тебе враги нашя избодем роги, и о имени Твоем уничижим востающыя на ны.
6 Meremfa me ho nto mʼagyan so mʼakofena remfa nkonimdie mmrɛ me;
Не на лук бо мой уповаю, и мечь мой не спасет мене:
7 na wo na woma yɛdi yɛn atamfoɔ so. Wogu wɔn a wɔtane yɛn anim ase.
спасл бо еси нас от стужающих нам, и ненавидящих нас посрамил еси.
8 Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho da mu nyinaa na yɛbɛkamfo wo din no daa daa.
О Бозе похвалимся весь день, и о имени Твоем исповемыся во век.
9 Nanso seesei woapo yɛn abrɛ yɛn ase; wone yɛn asraafoɔ nnkɔ ɔsa bio.
Ныне же отринул еси и посрамил еси нас, и не изыдеши, Боже, в силах наших.
10 Woma yɛdwane firii ɛdɔm anim ma yɛn atamfoɔ fom yɛn agyapadeɛ.
Возвратил еси нас вспять при вразех наших, и ненавидящии нас расхищаху себе.
11 Woyii yɛn maa sɛ wɔnkum yɛn sɛ nnwan na woahwete yɛn wɔ amanaman no mu.
Дал еси нас яко овцы снеди, и во языцех разсеял ны еси.
12 Wotɔn wo nkurɔfoɔ fofoofo, na woannya mfasoɔ biara amfiri mu.
Отдал еси люди Твоя без цены, и не бе множество в восклицаниих наших.
13 Woayɛ yɛn ahohoradeɛ ama yɛn afipamfoɔ, animtiabudeɛ ne aseredeɛ ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia.
Положил еси нас поношение соседом нашым, подражнение и поругание сущым окрест нас.
14 Woayɛ yɛn akasabɛbuo wɔ aman no mu na nnipa no woso wɔn ti de gu yɛn so.
Положил еси нас в притчу во языцех, покиванию главы в людех.
15 Mʼanimguaseɛ di mʼanim daa, na aniwuo akata mʼanim
Весь день срам мой предо мною есть, и студ лица моего покры мя,
16 ɛsiane wɔn a wɔbɔ me ahohora na wɔkasa tia me de yi me ahi, ɛsiane ɔtamfoɔ a nʼani abre sɛ ɔbɛtɔ were no enti.
от гласа поношающаго и оклеветающаго, от лица вражия и изгонящаго.
17 Yeinom nyinaa too yɛn deɛ, nanso yɛn werɛ mfirii wo, na yɛmmuu wʼapam no nso so.
Сия вся приидоша на ны, и не забыхом Тебе, и не неправдовахом в завете Твоем,
18 Yɛn akoma ntwe mfirii wo ho; na yɛn nan nso mmane mfirii wo kwan so.
и не отступи вспять сердце наше: и уклонил еси стези нашя от пути Твоего,
19 Nanso wodwerɛɛ yɛn yɛɛ yɛn sakraman tuo na wode esum kabii kataa yɛn so.
яко смирил еси нас на месте озлобления, и прикры ны сень смертная.
20 Sɛ na yɛn werɛ afiri yɛn Onyankopɔn din anaa sɛ yɛatrɛ yɛn nsam akyerɛ ananafoɔ nyame a
Аще забыхом имя Бога нашего, и аще воздехом руки нашя к богу чуждему,
21 anka Onyankopɔn bɛhunu, ɛfiri sɛ ɔnim akoma mu ahintasɛm.
не Бог ли взыщет сих? Той бо весть тайная сердца.
22 Nanso, wo enti, wɔkum yɛn daa nyinaa; wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn.
Зане Тебе ради умерщвляемся весь день, вменихомся яко овцы заколения.
23 Nyane, Ao Awurade! Adɛn enti na wada? Keka wo ho! Nnya yɛn hɔ afebɔɔ.
Востани, вскую спиши, Господи? Воскресени, и не отрини до конца.
24 Adɛn enti na wode wʼanim ahinta na wo werɛ firi yɛn ahohia ne nhyɛsoɔ?
Вскую лице Твое отвращаеши? Забываеши нищету нашу и скорбь нашу?
25 Wɔabrɛ yɛn ase kɔ dɔteɛ mu na yɛn onipadua aka afam dɔteɛ.
Яко смирися в персть душа наша, прильпе земли утроба наша.
26 Sɔre bɛboa yɛn; wʼadɔeɛ a ɛnsa da no enti, gye yɛn. Wɔde “Sukooko” sankuo dwomtobea na ɛtoeɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Воскресени, Господи, помози нам, и избави нас имене ради Твоего.