< Nnwom 43 >

1 Ao Onyankopɔn, bu me bem, na ka mʼasɛm a ɛtia ɔman a wɔnnsuro wo no ma me; gye me firi nnaadaafoɔ ne amumuyɛfoɔ nsam.
Me Nyankopɔn, bu me bem, na ka mʼasɛm a etia ɔman a wonsuro wo no ma me; gye me fi nnaadaafo ne amumɔyɛfo nsam.
2 Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandenden. Adɛn enti na woapo me? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?
Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandennen. Adɛn nti na woapo me? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo mʼatamfo nhyɛso nti?
3 Soma wo hann ne wo nokorɛ ma wɔn nkyerɛ me ɛkwan; ma wɔmmfa me mmra wo Bepɔ Kronkron no so, faako a woteɛ hɔ.
Soma wo hann ne wo nokware ma wɔnkyerɛ me kwan; ma wɔmfa me mmra wo Bepɔw Kronkron no so, faako a wote no.
4 Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔrebukyia anim mʼanigyeɛ ne mʼahosɛpɛ Onyankopɔn nkyɛn. Mede sankuo bɛyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn, me Onyankopɔn.
Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔremuka anim, mʼanigye ne mʼahosɛpɛw Nyankopɔn nkyɛn. Mede sanku beyi wo ayɛ, Onyankopɔn, me Nyankopɔn.
5 Adɛn enti na woaboto, Ao me kra? Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.
Me kra, adɛn, na woabotow? Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.

< Nnwom 43 >