< Nnwom 43 >
1 Ao Onyankopɔn, bu me bem, na ka mʼasɛm a ɛtia ɔman a wɔnnsuro wo no ma me; gye me firi nnaadaafoɔ ne amumuyɛfoɔ nsam.
Ukomennak, O Dios, ken ipakaasim ti kalintegak kadagiti saan a nadiosan a nasion;
2 Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandenden. Adɛn enti na woapo me? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?
Ta sika ti Dios ti pigsak; apay nga imbellengnak? Apay nga agdung-awak iti panangparigat dagiti kabusor?
3 Soma wo hann ne wo nokorɛ ma wɔn nkyerɛ me ɛkwan; ma wɔmmfa me mmra wo Bepɔ Kronkron no so, faako a woteɛ hɔ.
O, ibaonmo ti silawmo ken ti kinapudnom; idalandak koma; ipandak koma iti nasantoan a turodmo ken iti tabernakulom.
4 Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔrebukyia anim mʼanigyeɛ ne mʼahosɛpɛ Onyankopɔn nkyɛn. Mede sankuo bɛyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn, me Onyankopɔn.
Ket mapanakto iti altar ti Dios, iti Dios nga aglaplapusanan a rag-ok; ken iti arpa idaydayawkanto, O Dios, a Diosko.
5 Adɛn enti na woaboto, Ao me kra? Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn. Dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Apay a nakadumogka, kararuak? Apay a maringgoranka iti kaunggak? Mangnamnamaka iti Dios; ta agdayawak pay kenkuana, nga isu ti tulong ken Diosko.