< Nnwom 42 >

1 Kora mma “maskil” dwom. Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere hwehwɛ nsuwansuwa no, saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, Ao Onyankopɔn.
TO THE OVERSEER. AN INSTRUCTION OF THE SONS OF KORAH. As a deer pants for streams of water, So my soul pants toward You, O God.
2 Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefoɔ no. Da bɛn na mɛtumi akɔhyia Onyankopɔn?
My soul thirsted for God, for the living God, When do I enter and see the face of God?
3 Me nisuo ayɛ mʼaduane awia ne anadwo, na da mu nyinaa nnipa bisa me sɛ: “Wo Onyankopɔn wɔ he?”
My tear has been bread day and night to me, In their saying to me all the day, “Where [is] your God?”
4 Saa nneɛma yi na mekae ɛberɛ a mereka mʼakoma mu nsɛm; sɛdeɛ na medi asafokuo anim, na yɛde anigyeɛ nteateam ne aseda nnwom nante yuu bom kɔ Onyankopɔn fie wɔ afahyɛ da.
These I remember, and pour out my soul in me, For I pass over into the shelter, I go softly with them to the house of God, With the voice of singing and confession, The multitude keeping celebration!
5 Adɛn enti na woaboto, Ao me kra? Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.
Why bow yourself, O my soul? Indeed, are you troubled within me? Wait for God, for I still confess Him: The salvation of my countenance—my God!
6 Me kra aboto wɔ me mu enti mɛkae wo firi Yordan asase so, Hermon mmepɔ so, firi Bepɔ Misar so.
My soul bows itself in me, Therefore I remember You from the land of Jordan, And of the Hermons, from Mount Mizar.
7 Ebunu kɔ ebunu mu wɔ wo nsuo a ɛworo guo no nnyegyeeɛ mu; wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.
Deep is calling to deep At the noise of Your waterspouts, All Your breakers and Your billows passed over me.
8 Adekyeɛ mu Awurade kyerɛ nʼadɔeɛ; adesaeɛ mu ne dwom ba me nkyɛn. Mebɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn a ɔma me nkwa.
By day YHWH commands His kindness, And by night a song [is] with me, A prayer to the God of my life.
9 Mebisa Onyankopɔn me Botan sɛ, “Adɛn enti na wo werɛ afiri me? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo, mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?”
I say to God my Rock, “Why have You forgotten me? Why do I go mourning in the oppression of an enemy?”
10 Me nnompe te yea sɛ ɔdasani. Mʼahohiahiafoɔ ateeteeɛ enti, daa nyinaa wɔbisa me sɛ, “Wo Onyankopɔn wɔ he?”
With a sword in my bones My adversaries have reproached me, In their saying to me all the day, “Where [is] your God?”
11 Adɛn enti na woaboto, Ao me kra? Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.
Why bow yourself, O my soul? And why are you troubled within me? Wait for God, for I still confess Him, The salvation of my countenance, and my God!

< Nnwom 42 >