< Nnwom 4 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto wɔ sankuhoma so. Dawid dwom. Sɛ mesu frɛ wo a, gye me so, Ao, me tenenee Onyankopɔn. Ma me ahomegyeɛ wɔ mʼahohia mu; hunu me mmɔbɔ na tie me mpaeɛbɔ.
Pour le chef musicien; sur instruments à cordes. Un psaume de David. Réponds-moi quand j'appelle, Dieu de ma justice. Soulagez-moi de ma détresse. Ayez pitié de moi, et entendez ma prière.
2 Ao mmarima, ɛnkɔsi da bɛn na mo bɛdane mʼanimuonyam ahohora? Ɛnkɔsi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni huhuo akyi?
Fils d'hommes, jusqu'à quand ma gloire sera-t-elle transformée en déshonneur? Aimerez-vous la vanité et rechercherez-vous le mensonge? (Selah)
3 Hunu sɛ Awurade ayi deɛ ɔwɔ nyamesu ama ne ho; Awurade bɛtie, sɛ mesu mefrɛ no a.
Mais sachez que Yahvé s'est réservé celui qui est pieux; Yahvé entendra quand je l'appellerai.
4 Mo bo fu a, monnyɛ bɔne; sɛ modeda mo mpa so a, monyɛ komm na monhwehwɛ mo akoma mu.
Restez dans la crainte, et ne péchez pas. Fouille ton propre cœur sur ton lit, et sois tranquille. (Selah)
5 Mommɔ afɔdeɛ a ɛfata na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.
Offrez les sacrifices de la justice. Mettez votre confiance en Yahvé.
6 Nnipa bebree bisa sɛ: “Hwan na ɔbɛtumi ayɛ yɛn adɔeɛ?” Ao Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.
Beaucoup disent: « Qui nous montrera du bien? » Yahvé, fais briller sur nous la lumière de ton visage.
7 Wode anigyeɛ mmorosoɔ ahyɛ mʼakoma ma asene ɛberɛ a wɔn aburoo ne nsã foforɔ abu so no.
Tu as mis de la joie dans mon cœur, plus que lorsque leur grain et leur vin nouveau sont augmentés.
8 Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, wo nko ara, Ao Awurade, na woma metena asomdwoeɛ mu.
En paix, je me coucherai et je dormirai, pour toi seul, Yahvé, fais-moi vivre en sécurité.

< Nnwom 4 >