< Nnwom 4 >

1 Dawid dwom. Sɛ mesu frɛ wo a, gye me so, Ao, me tenenee Onyankopɔn. Ma me ahomegyeɛ wɔ mʼahohia mu; hunu me mmɔbɔ na tie me mpaeɛbɔ.
大衛的詩,交與伶長。用絲弦的樂器。 顯我為義的上帝啊, 我呼籲的時候,求你應允我! 我在困苦中,你曾使我寬廣; 現在求你憐恤我,聽我的禱告!
2 Ao mmarima, ɛnkɔsi da bɛn na mo bɛdane mʼanimuonyam ahohora? Ɛnkɔsi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni huhuo akyi?
你們這上流人哪,你們將我的尊榮變為羞辱要到幾時呢? 你們喜愛虛妄,尋找虛假,要到幾時呢? (細拉)
3 Hunu sɛ Awurade ayi deɛ ɔwɔ nyamesu ama ne ho; Awurade bɛtie, sɛ mesu mefrɛ no a.
你們要知道,耶和華已經分別虔誠人歸他自己; 我求告耶和華,他必聽我。
4 Mo bo fu a, monnyɛ bɔne; sɛ modeda mo mpa so a, monyɛ komm na monhwehwɛ mo akoma mu.
你們應當畏懼,不可犯罪; 在床上的時候,要心裏思想,並要肅靜。 (細拉)
5 Mommɔ afɔdeɛ a ɛfata na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.
當獻上公義的祭, 又當倚靠耶和華。
6 Nnipa bebree bisa sɛ: “Hwan na ɔbɛtumi ayɛ yɛn adɔeɛ?” Ao Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.
有許多人說:誰能指示我們甚麼好處? 耶和華啊,求你仰起臉來,光照我們。
7 Wode anigyeɛ mmorosoɔ ahyɛ mʼakoma ma asene ɛberɛ a wɔn aburoo ne nsã foforɔ abu so no.
你使我心裏快樂, 勝過那豐收五穀新酒的人。
8 Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, wo nko ara, Ao Awurade, na woma metena asomdwoeɛ mu. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto.
我必安然躺下睡覺, 因為獨有你-耶和華使我安然居住。

< Nnwom 4 >