< Nnwom 39 >

1 Dawid dwom. Mekaa sɛ, “Mɛhwɛ mʼakwan yie na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne; mɛto mʼano nnareka ɛberɛ a amumuyɛfoɔ bɛne me yi.
聖歌隊の指揮者エドトンによってうたわせたダビデの歌 わたしは言った、「舌をもって罪を犯さないために、わたしの道を慎み、悪しき者のわたしの前にある間はわたしの口にくつわをかけよう」と。
2 Nanso brɛ a meyɛɛ komm a manka asɛm papa biara mpo no mʼapinisie mu yɛɛ den.
わたしは黙して物言わず、むなしく沈黙を守った。しかし、わたしの悩みはさらにひどくなり、
3 Mʼakoma ho dwanee no wɔ me mu na metee nka sɛ ogya redɛre wɔ me mu na afei mede me tɛkrɛma kasaeɛ sɛ:
わたしの心はわたしのうちに熱し、思いつづけるほどに火が燃えたので、わたしは舌をもって語った。
4 “Ao Awurade, ma menhunu me nkwa awieeɛ ne me nna dodoɔ; ma menhunu sɛdeɛ me nkwa twa mu ntɛm so.
「主よ、わが終りと、わが日の数のどれほどであるかをわたしに知らせ、わが命のいかにはかないかを知らせてください。
5 Woayɛ me nna sɛ nsateakwaa baako pɛ; na me mfeɛ dodoɔ nyɛ hwee wɔ wʼani so. Onipa nkwa yɛ ahomeɛ bi kɛkɛ.
見よ、あなたはわたしの日をつかのまとされました。わたしの一生はあなたの前では無にひとしいのです。まことに、すべての人はその盛んな時でも息にすぎません。 (セラ)
6 Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsum bi kwa; ɔha ne ho, nanso ɔyɛ kwa; ɔboa ahonya ano, na ɔnnim deɛ ɛbɛyɛ ne dea.
まことに人は影のように、さまよいます。まことに彼らはむなしい事のために騒ぎまわるのです。彼は積みたくわえるけれども、だれがそれを収めるかを知りません。
7 “Afei Awurade ɛdeɛn na merehwehwɛ? Mʼanidasoɔ wɔ wo mu.
主よ、今わたしは何を待ち望みましょう。わたしの望みはあなたにあります。
8 Gye me firi me bɔne nyinaa mu; mma mennyɛ nkwaseafoɔ aseredeɛ.
わたしをすべてのとがから助け出し、愚かな者にわたしをあざけらせないでください。
9 Meyɛɛ komm, na mammue mʼano ɛfiri sɛ, wo na woayɛ yei.
わたしは黙して口を開きません。あなたがそれをなされたからです。
10 Yi wʼasotwe firi me so; wo nsa ano amanehunu amene me.
あなたが下された災をわたしから取り去ってください。わたしはあなたのみ手に打ち懲らされることにより滅びるばかりです。
11 Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho; wosɛe wɔn ahonya te sɛ nweweboa onipa biara yɛ ahomeɛ kɛkɛ.
あなたは罪を責めて人を懲らされるとき、その慕い喜ぶものを、しみが食うように、消し滅ぼされるのです。まことにすべての人は息にすぎません。 (セラ)
12 “Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ, tie me sufrɛ; nsi wʼaso wɔ me su ho Me ne wo te hɔ sɛ ɔhɔhoɔ, sɛdeɛ na mʼagyanom nyinaa teɛ no.
主よ、わたしの祈を聞き、わたしの叫びに耳を傾け、わたしの涙を見て、もださないでください。わたしはあなたに身を寄せる旅びと、わがすべての先祖たちのように寄留者です。
13 Yi wʼani firi me so na manya anigyeɛ bio ansa na mafiri ha a mente ase bio.” Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
わたしが去って、うせない前に、み顔をそむけて、わたしを喜ばせてください」。

< Nnwom 39 >