< Nnwom 36 >

1 Awurade ɔsomfoɔ Dawid dwom. Nkɔmhyɛ bi da mʼakoma so a ɛfa omumuyɛfoɔ mmarato ho. Wɔnnsuro Onyankopɔn.
לַמְנַצֵּחַ ׀ לְעֶבֶד־יְהֹוָה לְדָוִֽד׃ נְאֻֽם־פֶּשַׁע לָרָשָׁע בְּקֶרֶב לִבִּי אֵֽין־פַּחַד אֱלֹהִים לְנֶגֶד עֵינָֽיו׃
2 Na ɔno ankasa ani so no, ɔdaadaa ne ho dodo enti mma ɔnhunu ne bɔne nnyae yɛ.
כִּֽי־הֶחֱלִיק אֵלָיו בְּעֵינָיו לִמְצֹא עֲוֺנוֹ לִשְׂנֹֽא׃
3 Nʼanom nsɛm yɛ atirimuɔden ne nnaadaa; ɔnnim nyansa bio, na wayɛ papa.
דִּבְרֵי־פִיו אָוֶן וּמִרְמָה חָדַל לְהַשְׂכִּיל לְהֵיטִֽיב׃
4 Ɔda ne mpa so mpo a, ɔbɔ pɔ bɔne; na ɔgyaa ne ho ma bɔne ɛkwan na ɔmpo deɛ ɛnyɛ.
אָוֶן ׀ יַחְשֹׁב עַֽל־מִשְׁכָּבוֹ יִתְיַצֵּב עַל־דֶּרֶךְ לֹא־טוֹב רָע לֹא יִמְאָֽס׃
5 Awurade, wʼadɔeɛ duru sorosoro wo nokorɛdie duru ewiem tɔnn.
יְהֹוָה בְּהַשָּׁמַיִם חַסְדֶּךָ אֱמוּנָתְךָ עַד־שְׁחָקִֽים׃
6 Wo tenenee te sɛ mmepɔ akɛseɛ. Wʼatɛntenenee mu dɔ sɛ ɛpo bunu. Ao Awurade, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so.
צִדְקָתְךָ ׀ כְּֽהַרְרֵי־אֵל מִשְׁפָּטֶיךָ תְּהוֹם רַבָּה אָדָֽם וּבְהֵמָה תוֹשִׁיעַ יְהֹוָֽה׃
7 Wʼadɔeɛ a ɛnsa da no som bo! Nnipa mu akɛseɛ ne nketewa nya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.
מַה־יָּקָר חַסְדְּךָ אֱלֹהִים וּבְנֵי אָדָם בְּצֵל כְּנָפֶיךָ יֶחֱסָיֽוּן׃
8 Wɔdi deɛ abu soɔ wɔ wo fie woma wɔnom firi wʼanika asutene no mu.
יִרְוְיֻן מִדֶּשֶׁן בֵּיתֶךָ וְנַחַל עֲדָנֶיךָ תַשְׁקֵֽם׃
9 Wo nkyɛn na nkwa asutire wɔ; wo hann mu na yɛhunu hann.
כִּֽי־עִמְּךָ מְקוֹר חַיִּים בְּאוֹרְךָ נִרְאֶה־אֽוֹר׃
10 Kɔ so dɔ wɔn a wɔnim wo, ma wo tenenee ntena wɔn a wɔtene akoma mu.
מְשֹׁךְ חַסְדְּךָ לְיֹדְעֶיךָ וְצִדְקָֽתְךָ לְיִשְׁרֵי־לֵֽב׃
11 Mma ɔhantanni nan ntia me anaa omumuyɛfoɔ nsa nnsunsum me.
אַל־תְּבוֹאֵנִי רֶגֶל גַּאֲוָה וְיַד־רְשָׁעִים אַל־תְּנִדֵֽנִי׃
12 Hwɛ sɛdeɛ nnebɔneyɛfoɔ ahwehwe ase, wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio.
שָׁם נָפְלוּ פֹּעֲלֵי אָוֶן דֹּחוּ וְלֹא־יָכְלוּ קֽוּם׃

< Nnwom 36 >