< Nnwom 35 >

1 Dawid dwom. Ao Awurade wo ne wɔn a wɔne me di asie no nni asie; ko tia wɔn a wɔko tia me.
مزمور داود ای خداوند با خصمان من مخاصمه نما و جنگ کن با آنانی که با من جنگ می‌کنند.۱
2 Fa wʼakokyɛm ne wo nkatanimu; na sɔre bra bɛboa me.
سپر و مجن را بگیر و به اعانت من برخیز.۲
3 Twe pea ne abonnua wɔ wɔn a wɔtaa me so ka kyerɛ me kra sɛ, “Mene wʼagyenkwa.”
و نیزه را راست کن و راه را پیش روی جفاکنندگانم ببند و به‌جان من بگو من نجات توهستم.۳
4 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no ma wɔn anim ngu ase; wɔn a wɔbɔ me sɛeɛ ho pɔ no ma wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi.
خجل و رسوا شوند آنانی که قصد جان من دارند و آنانی که بداندیش منند، برگردانیده وخجل شوند.۴
5 Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo wɔn a Awurade ɔbɔfoɔ repam wɔn.
مثل کاه پیش روی باد باشند وفرشته خداوند ایشان را براند.۵
6 Ma wɔn akwan so nnuru sum na ɛso nyɛ toro, na Awurade ɔbɔfoɔ ntaa wɔn so.
راه ایشان تاریکی و لغزنده باد. و فرشته خداوند ایشان را تعاقب کند.۶
7 Esiane sɛ wɔde atena sum me afidie kwa na wɔtuu amena maa me a menyɛɛ wɔn hwee no enti
زیرا دام خود را برای من بی‌سبب درحفره‌ای پنهان کردند که آن را برای جان من بی‌جهت کنده بودند.۷
8 ma ɔsɛeɛ mmɛfu wɔn mu na atena no a wɔde hintaaeɛ nyi wɔn, na ma wɔnhwe amena no mu nsɛe.
هلاکت ناگهانی بدو برسد و دامی که پنهان کرد خودش را بگیرد و در آن به هلاکت گرفتار گردد.۸
9 Afei me kra ani bɛgye wɔ Awurade mu na wasɛpɛ ne ho wɔ ne nkwagyeɛ mu.
و اما جان من در خداوندوجد خواهد کرد و در نجات او شادی خواهدنمود.۹
10 Me onipadua nyinaa bɛteam aka sɛ, “Hwan na ɔte sɛ wo, Ao Awurade? Wogye ohiani firi ahoɔdenfoɔ nsam ne deɛ ɔnnibie firi apoobɔfoɔ nsam.”
همه استخوانهایم می‌گویند «ای خداوندکیست مانند تو که مسکین را از شخص قوی تر ازاو می‌رهاند و مسکین وفقیر را از تاراج کننده وی.»۱۰
11 Adansekurumfoɔ sɔre; wɔbisa me nneɛma a mennim ho hwee ho asɛm.
شاهدان کینه ور برخاسته‌اند. چیزهایی را که نمی دانستم از من می‌پرسند.۱۱
12 Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka na wɔma me kra yɛ basaa.
به عوض نیکویی بدی به من می‌کنند. جان مرا بیکس گردانیده‌اند.۱۲
13 Nanso, ɛberɛ a wɔyareeɛ no, mefiraa ayitoma na mede akɔnkyene brɛɛ me ho ase. Ɛberɛ a me mpaeɛbɔ ho mmuaeɛ nnya mmaeɛ no,
و اما من چون ایشان بیمار می‌بودند پلاس می‌پوشیدم. جان خود را به روزه می‌رنجانیدم ودعایم به سینه‌ام برمی گشت.۱۳
14 mekɔɔ so twaa adwo sɛdeɛ meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima. Mede awerɛhoɔ sii me ti ase te sɛ deɛ meregyam me maame.
مثل آنکه اودوست و برادرم می‌بود، سرگردان می‌رفتم. چون کسی‌که برای مادرش ماتم گیرد، از حزن خم می‌شدم.۱۴
15 Nanso, ɛberɛ a mesuntiiɛ no, wɔde anigyeɛ boaa wɔn ho ano; ntohyɛsofoɔ twaa me ho hyiaaɛ a mennim na wɔdii me ho nsekuro a wɔantwa so da.
ولی چون افتادم شادی‌کنان جمع شدند. آن فرومایگان بر من جمع شدند. و کسانی که نشناخته بودم مرا دریدند و ساکت نشدند.۱۵
16 Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛ te sɛ nnipa a wɔnni nyamesu; wɔtwɛree wɔn se guu me so.
مثل فاجرانی که برای نان مسخرگی می‌کنند. دندانهای خود را بر من می‌افشردند.۱۶
17 Ao Awurade, wobɛhwɛ wɔn akɔsi da bɛn? Gye me nkwa firi wɔn sɛeɛ mu, gye me nkwa a ɛsom bo no firi saa agyata yi nsam.
‌ای خداوند تا به کی نظر خواهی کرد! جانم را ازخرابیهای ایشان برهان و یگانه مرا از شیربچگان.۱۷
18 Na mɛda wo ase wɔ dwabɔ kɛseɛ ase; wɔ nnipa dodoɔ mu na mɛkamfo woɔ.
و تو را در جماعت بزرگ حمد خواهم گفت. ترا در میان قوم عظیم تسبیح خواهم خواند.۱۸
19 Mma mʼatamfoɔ a wɔtane me kwa no nhwɛ me haa nsere. Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nso wɔtane me no mmfa adwene bɔne mmu me anikyeɛ.
تاآنانی که بی‌سبب دشمن منند، بر من فخر نکنند. وآنانی که بر من بی‌سبب بغض می‌نمایند، چشمک نزنند.۱۹
20 Wɔnnkasa asomdwoeɛ so, na mmom, wɔde ntwatosoɔ tia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so.
زیرا برای سلامتی سخن نمی گویند و برآنانی که در زمین آرامند سخنان حیله آمیز را تفکرمی کنند.۲۰
21 Wɔhwɛ me haa ka sɛ, “Aane! Aane, yɛde yɛn ankasa ani ahunu.”
و دهان خود را بر من باز کرده، می‌گویند هه هه چشم ما دیده است.۲۱
22 Ao Awurade, wahunu na mmua wʼano. Nte wo ho nkɔ akyiri, Ao Awurade.
‌ای خداوند تو آن را دیده‌ای پس سکوت مفرما. ای خداوند از من دور مباش.۲۲
23 Nyane, sɔre na bɛbɔ me ho ban! Ka bi ma me, me Onyankopɔn ne mʼAwurade.
خویشتن را برانگیز وبرای داد من بیدار شو، ای خدای من و خداوند من برای دعوی من.۲۳
24 Di mʼasɛm ma me wɔ wo tenenee no mu, Ao Awurade me Onyankopɔn; mma wɔn nhwɛ me haa nsere.
‌ای یهوه خدایم مرا موافق عدل خود داد بده، مبادا بر من شادی نمایند.۲۴
25 Mma wɔnnwene nka sɛ, “Aane, deɛ yɛpɛ ni!” anaa wɔnnka sɛ, “Yɛanya no.”
تادر دل خود نگویند اینک مراد ما. تا نگویند او رابلعیده‌ایم.۲۵
26 Ma wɔn a wɔhwɛ me haa sere me wɔ mʼahohiahia mu no nyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no nhyɛ aniwuo ne animguaseɛ atadeɛ.
و آنانی که در بدی من شادند، با هم خجل و شرمنده شوند. و آنانی که بر من تکبرمی کنند، به خجلت و رسوایی ملبس شوند.۲۶
27 Ma wɔn a wɔdi ahurisie wɔ me bembuo ho no mfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ nteam ɛberɛ nyinaa mu ma wɔnka sɛ, “Momma Awurade so, ɔno na nʼani gye ne ɔsomfoɔ yiedie ho.”
آنانی که خواهان حق منند ترنم و شادی نمایند. و دائم گویند خداوند بزرگ است که به سلامتی بنده خود رغبت دارد.۲۷
28 Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee ne wʼayɛyie da mu nyinaa.
و زبانم عدالت تو را بیان خواهد کرد و تسبیح تو را تمامی روز.۲۸

< Nnwom 35 >