< Nnwom 34 >
1 Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a ɔboa pa danee ɔbɔdamfoɔ wɔ Abimelek anim no na ɔpanin no gyaee no ma ɔkɔeɛ no akyi. Mede aseda bɛma Awurade berɛ nyinaa; nʼayɛyie wɔ mʼanom daa.
【頌上主保佑之恩】 達味在阿彼默勒客前佯狂,被逐逃走時作。 我要時時讚美上主,我要常時讚頌上主;
2 Me kra bɛhoahoa ne ho wɔ Awurade mu; ma amanehunufoɔ nte na wɔn nni ahurisie.
我的心靈因上主而自豪,願謙卑的人聽到也都喜躍。
3 Mo ne me nkamfo Awurade; momma yɛmmɔ mu nkamfo ne din!
請你們同我一起讚揚上主,讓我們齊聲頌揚上主的名。
4 Mefrɛɛ Awurade na ɔgyee me so; na ɔyii me firii mʼakomatuo nyinaa mu.
我尋求了上主,祂聽了我的訴求:由我受的一切驚惶中,將我救出。
5 Wɔn a wɔhwɛ nʼanim no hyerɛn na wɔn anim rengu ase da.
你們瞻仰祂,要喜形於色,你們的面容,絕不會羞愧。
6 Ohiani yi frɛeɛ, na Awurade tiee no; na ɔgyee no firii nʼahohia nyinaa mu.
卑微人一呼號,上主立即俯允,上主必救他脫離一切苦辛。
7 Awurade ɔbɔfoɔ wɛn wɔn a wɔsuro no, na ɔgye wɔn.
在那敬愛上主的人四周,有上主的天使紮營護守。
8 Monka nhwɛ na monhunu sɛ Awurade yɛ. Nhyira ne onipa a ɔhinta wɔ ne mu.
請你們體驗,請你們觀看:上主是何等的和藹慈善!投奔上主的必獲真福永歡。
9 Monsuro Awurade, mo a moyɛ nʼahotefoɔ, na wɔn a wɔsuro noɔ no nhia hwee.
上主的聖民應該敬愛上主,敬愛祂的人不會受到窮苦。
10 Agyata yɛ mmrɛ na ɛkɔm de wɔn, nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, adepa biara remmɔ wɔn.
富貴的人竟成了赤貧,忍飢受餓,尋求上主的人,卻不缺任何福樂。
11 Mommra, me mma, monyɛ aso mma me; mɛkyerɛkyerɛ mo Awurade ho suro.
孩子們,你們來聽我指教,我要教你們敬愛上主之道。
12 Mo mu hwan na ɔpɛ nkwa na ɔpɛ sɛ ɔhunu nna papa bebree?
誰是愛好長久生活的人?誰是渴望長壽享福的人?
13 Ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa.
就應謹守口舌,不說壞話,克制嘴唇,不言欺詐;
14 Twe wo ho firi bɔne ho, na yɛ papa; hwehwɛ asomdwoeɛ na ti no.
躲避罪惡,努力行善,尋求和平,追隨陪伴。
15 Awurade ani wɔ ateneneefoɔ so na ɔtie wɔn mpaeɛbɔ;
因為上主的雙目垂顧正義的人,上主的兩耳聽他們的哀聲。
16 Awurade ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne, sɛ ɔbɛyi wɔn nkaeɛ afiri asase yi so.
上主的威容敵視作惡的人民,要把他們的紀念由世上滅盡。
17 Ateneneefoɔ team su, na Awurade tie wɔn; ɔyi wɔn firi wɔn haw nyinaa mu.
義人一呼號,上主立即俯允,拯救他們出離一切的苦辛。
18 Awurade bɛn wɔn a wɔapa aba na ɔgye wɔn a wɔadwerɛ wɔn wɔ honhom mu no nkwa.
上主親近心靈破碎的人,上主必救助精神痛苦的人。
19 Onipa tenenee bɛhunu amaneɛ bebree nanso Awurade gye no firi ne nyinaa mu;
義人的災難雖多,上主卻救他免禍;
20 ɔbɔ ne nnompe nyinaa ho ban, sɛdeɛ emu baako mpo mmu.
把他的一切骨骸保全,連一根也不容許折斷。
21 Bɔne bɛkum ɔdebɔneyɛfoɔ; ɔteneneeni atamfoɔ bɛnya afɔbuo.
邪惡為惡人招來死亡,憎恨義人者應該補償。
22 Awurade gye nʼasomfoɔ nkwa; wɔn a wɔdwane toa noɔ no mu biara renkɔ afɔbuo mu.
上主救助祂僕人生命,投奔祂的必不受處刑。