< Nnwom 31 >
1 Dawid dwom. Wo mu, Ao Awurade, na manya hintabea; mma mʼanim ngu ase; firi wo tenenee mu gye me.
For the choirmaster. A Psalm of David. In You, O LORD, I have taken refuge; let me never be put to shame; save me by Your righteousness.
2 Yɛ aso ma me, bra ntɛm bɛgye me; yɛ me banbɔ botan, aban a mʼatamfoɔ nsa renka me.
Incline Your ear to me; come quickly to my rescue. Be my rock of refuge, the stronghold of my deliverance.
3 Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban enti, wo din enti, di mʼanim na kyerɛ me ɛkwan.
For You are my rock and my fortress; lead me and guide me for the sake of Your name.
4 Gye me firi afidie a wɔasum me no mu, ɛfiri sɛ wo ne me dwanekɔbea.
You free me from the net laid out for me, for You are my refuge.
5 Wo nsam na mede me kra hyɛ; gye me bio, Ao Awurade, Onyankopɔn nokwafoɔ.
Into Your hands I commit my spirit; You have redeemed me, O LORD, God of truth.
6 Mekyiri wɔn a wɔsom abosom huhuo; mede me ho to Awurade so.
I hate those who cling to worthless idols, but in the LORD I trust.
7 Mʼani bɛgye na madi ahurisie wɔ wo dɔ mu, ɛfiri sɛ wohunu mʼamanehunu na wonim me kra mu haw.
I will be glad and rejoice in Your loving devotion, for You have seen my affliction; You have known the anguish of my soul.
8 Woamfa me amma ɔtamfoɔ no mmom wode me nan asisi petee mu.
You have not delivered me to the enemy; You have set my feet in the open.
9 Hu me mmɔbɔ, Ao Awurade, ɛfiri sɛ me ho yera me; awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu ɛyea ama me kra ne me honam ayɛ mmerɛ.
Be merciful to me, O LORD, for I am in distress; my eyes fail from sorrow, my soul and body as well.
10 Ateeteeɛ rete me nkwa so na abooboo te me mfeɛ so; ɔhaw enti mʼahoɔden kɔ fam na me nnompe nso ahodwo.
For my life is consumed with grief and my years with groaning; my iniquity has drained my strength, and my bones are wasting away.
11 Mʼatamfoɔ nyinaa enti, mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu; nnipa a wɔnim me suro me, na wɔn a wɔhunu me mmɔntene so dwane.
Among all my enemies I am a disgrace, and among my neighbors even more. I am dreaded by my friends— they flee when they see me on the street.
12 Obiara werɛ afiri me te sɛ deɛ mawuo; mayɛ sɛ kukuo a abɔ.
I am forgotten like a dead man, out of mind. I am like a broken vessel.
13 Mete dodoɔ no nsekuro. Ahunahuna atwa me ho ahyia. Wɔrepam me tiri so na wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛkum me.
For I hear the slander of many; there is terror on every side. They conspire against me and plot to take my life.
14 Nanso, mede me ho ato wo so, Ao Awurade; meka sɛ, “Woyɛ me Onyankopɔn.”
But I trust in You, O LORD; I say, “You are my God.”
15 Me mmerɛ wɔ wo nsam gye me firi mʼatamfoɔ ne wɔn a wɔtaa me no nsam.
My times are in Your hands; deliver me from my enemies and from those who pursue me.
16 Te wʼanim kyerɛ wo ɔsomfoɔ; gye me wɔ wo dɔ a ɛnsa da no mu.
Make Your face shine on Your servant; save me by Your loving devotion.
17 Mma mʼanim ngu ase, Ao Awurade, ɛfiri sɛ masu mafrɛ wo; mmom, ma amumuyɛfoɔ anim ngu ase na wɔnna wɔn damena mu komm. (Sheol )
O LORD, let me not be ashamed, for I have called on You. Let the wicked be put to shame; let them lie silent in Sheol. (Sheol )
18 Mua atorofoɔ ano, ɛfiri sɛ wɔde ahantan ne anintiabuo kasa tia teneneefoɔ.
May lying lips be silenced— lips that speak with arrogance against the righteous, full of pride and contempt.
19 Wo papayɛ dɔɔso, ɛno na woakora ama wɔn a wɔsuro woɔ no; ɛno na wode ma wɔn a wɔdwane toa woɔ no wɔ nnipa anim.
How great is Your goodness which You have laid up for those who fear You, which You have bestowed before the sons of men on those who take refuge in You!
20 Wode wɔn sie wʼanim banbɔ mu firi nnipa nsusuiɛ bɔne ho; wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoo firi tɛkrɛma a ɛbɔ soboɔ ho.
You hide them in the secret place of Your presence from the schemes of men. You conceal them in Your shelter from accusing tongues.
21 Ayɛyi nka Awurade! Sɛ wayi ne dɔ nwanwasoɔ akyerɛ me ɛberɛ a na mewɔ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia no mu.
Blessed be the LORD, for He has shown me His loving devotion in a city under siege.
22 Mebɔɔ huboa no, mekaa sɛ: “Woayi wʼani me so!” Nanso wotee me mmɔborɔ su ɛberɛ a mekoto srɛɛ woɔ no.
In my alarm I said, “I am cut off from Your sight!” But You heard my plea for mercy when I called to You for help.
23 Monnɔ Awurade, mo a moyɛ nʼahotefoɔ nyinaa! Awurade kora wɔn a wodi nokorɛ so, na ahomasofoɔ deɛ ɔtua wɔn ka pɛpɛɛpɛ.
Love the LORD, all His saints. The LORD preserves the faithful, but fully repays the arrogant.
24 Monhyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam, mo a mowɔ anidasoɔ wɔ Awurade mu nyinaa.
Be strong and courageous, all you who hope in the LORD.