< Nnwom 30 >
1 Dwom a wɔto de buee Asɔredan no ano. Dawid dwom. Mema wo so, Ao Awurade, ɛfiri sɛ, woayi me afiri ebunu mu na woamma mʼatamfoɔ ansere me.
A Psalm; a Song at the Dedication of the House; of David. I will extol thee, O LORD, for Thou hast raised me up, and hast not suffered mine enemies to rejoice over me.
2 Ao Awurade me Onyankopɔn, mesu frɛɛ wo sɛ boa me na wosaa me yadeɛ.
O LORD my God, I cried unto Thee, and Thou didst heal me;
3 Ao Awurade, woyii me firii damena mu; wode me ho kyɛɛ me na woamma mankɔ amena mu. (Sheol )
O LORD, Thou broughtest up my soul from the nether-world; Thou didst keep me alive, that I should not go down to the pit. (Sheol )
4 Monto ayɛyie nnwom mma Awurade; mo a moyɛ nʼahotefoɔ! Monkamfo ne din kronkron no.
Sing praise unto the LORD, O ye His godly ones, and give thanks to His holy name.
5 Nʼabufuo nkyɛre, na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; agyaadwotwa bɛwɔ hɔ anadwo, nanso ahosɛpɛ bɛba anɔpa.
For His anger is but for a moment, His favour is for a life-time; weeping may tarry for the night, but joy cometh in the morning.
6 Metee nka sɛ mewɔ banbɔ no, mekaa sɛ, “Merenhinhim da.”
Now I had said in my security: 'I shall never be moved.'
7 Ao Awurade, woyɛɛ me adom no womaa me bepɔ gyinaa pintinn na wode wʼanim hintaa me no, me bo tuiɛ.
Thou hadst established, O LORD, in Thy favour my mountain as a stronghold — Thou didst hide Thy face; I was affrighted.
8 Wo, Awurade na mefrɛɛ woɔ; wo hɔ na mesu mesrɛɛ mmɔborɔhunu sɛ:
Unto Thee, O LORD, did I call, and unto the LORD I made supplication:
9 “Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ me sɛeɛ ho, sɛ mɛkɔ amena mu? Mfuturo bɛyi wo ayɛ anaa? Ɛbɛpae mu aka wo nokorɛdie anaa?
'What profit is there in my blood, when I go down to the pit? Shall the dust praise Thee? shall it declare Thy truth?
10 Tie me, Ao Awurade, na hunu me mmɔbɔ! Ao Awurade, yɛ me ɔboafoɔ.”
Hear, O LORD, and be gracious unto me; LORD, be Thou my helper.'
11 Wodanee mʼagyaadwotwa yɛɛ no asa; woyii mʼayitoma firii me ho na wode anigyeɛ firaa me,
Thou didst turn for me my mourning into dancing; Thou didst loose my sackcloth, and gird me with gladness;
12 sɛ mʼakoma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm. Ao Awurade me Onyankopɔn, mɛda wo ase daa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
So that my glory may sing praise to Thee, and not be silent; O LORD my God, I will give thanks unto Thee for ever.