< Nnwom 3 >
1 Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a ɔredwane afiri ne babarima Absalom anim. Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ dɔɔso fa! Dodoɔ no ara na wɔsɔre tia me!
Dawid dwom a ɔtoe bere a ɔreguan afi ne babarima Absalom anim. Awurade, hwɛ sɛnea mʼatamfo dɔɔso fa! dodow no ara na wɔsɔre tia me!
2 Bebree no ara ka fa me ho sɛ, “Onyankopɔn rennye no”.
Bebree no ara ka fa me ho se, “Onyankopɔn rennye no.”
3 Nanso, Ao Awurade, woyɛ akokyɛm a atwa me ho ahyia wohyɛ me animuonyam na wopagya me ti.
Nanso wo, Awurade, woyɛ nkatabo a atwa me ho ahyia mʼanuonyam, nea Ɔpagyaw me ti.
4 Meteam su frɛ Awurade, na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron no so.
Meteɛ mu su frɛ Awurade, na ogye me so fi ne bepɔw kronkron no so.
5 Metɔ hɔ na meda a, menyane bio, ɛfiri sɛ Awurade kora me so.
Metɔ hɔ na meda a, minyan bio, efisɛ Awurade ma migyina.
6 Merensuro atamfoɔ mpem mpem a wɔatwa me ho ahyia no.
Merensuro atamfo mpem mpem a wɔatwa me ho ahyia no.
7 Sɔre, Ao Awurade! Gye me, Ao me Onyankopɔn! Bobɔ mʼatamfoɔ nyinaa apantan; na tutu amumuyɛfoɔ se.
Sɔre, Awurade! Gye me, me Nyankopɔn! Bobɔ mʼatamfo nyinaa abogye; na tutu amumɔyɛfo se.
8 Awurade hɔ na ɔgyeɛ firi ba. Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto wɔ sankuhoma so.
Awurade hɔ na ogye fi ba. Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfo so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto wɔ sankuhama so.