< Nnwom 28 >
1 Dawid dwom. Wo na mesu mefrɛ wo, Ao Awurade me Botan; nsi wʼaso wɔ me enti. Sɛ woyɛ komm a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no.
Von David. / Zu dir, o Jahwe, rufe ich, / Mein Fels, gib mir doch Antwort! / Denn hörst du mich nicht, / So gleiche ich denen, die in die Grube fahren.
2 Tie me mmɔborɔ su ɛberɛ a mefrɛ wo pɛ mmoa ɛberɛ a mema me nsa so kyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ.
Höre mein lautes Flehn, wenn ich zu dir schreie, / Wenn ich meine Hände erhebe / Zu deinem Allerheiligsten.
3 Mfa me mfra amumuyɛfoɔ mu ntwe me nkɔ wɔn a wɔyɛ bɔne no. Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ nanso wɔde ɔtan sie wɔn akoma mu.
Raff mich nicht weg mit Frevlern und Übeltätern, / Die freundlich reden mit ihren Nächsten, / Während sie Böses im Sinne haben.
4 Twe wɔn aso wɔ deɛ wɔayɛ no so; wɔn adwuma bɔne no so; tua deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ so ka na fa deɛ ɛfata wɔn sane bra wɔn so.
Vergilt du ihnen nach ihrem Tun und ihren bösen Werken! / Nach ihrer Hände Tat gib ihnen, / Vergilt du ihnen, was sie verdient!
5 Sɛ wɔmmu deɛ Awurade ayɛ ne deɛ ɔde ne nsa ayɛ no enti, ɔbɛbrɛ wɔn ase na ɔremma wɔnnsɔre bio.
Wenn sie nicht achten auf Jahwes Tun und seiner Hände Werk, / So reiß er sie nieder und baue sie nicht!
6 Ayɛyie nka Awurade, ɛfiri sɛ watie me mmɔborɔ su.
Gelobt sei Jahwe! / Denn er hat mein lautes Flehen gehört.
7 Awurade ne mʼahoɔden ne mʼakokyɛm; mʼakoma wɔ ne mu ahotosoɔ, na ɔboa me. Mʼakoma di ahurisie na mede dwomtoɔ bɛda no ase.
Jahwe ist mein Schutz und mein Schild. / Auf ihn hat mein Herz vertraut, / Und ich hab Hilfe gefunden! / Drum jubelt mein Herz, / Und mit meinem Liede will ich ihm danken.
8 Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ; ne nkwagyeɛ nsraban ma deɛ wɔasra no ngo.
Jahwe schütze sein Volk! / Ein Heilsort ist er seinem Gesalbten.
9 Gye wo nkurɔfoɔ na hyira wʼagyapadeɛ; yɛ wɔn hwefoɔ, na wo ne wɔn nnante afebɔɔ.
O hilf deinem Volk und segne dein Erbe, / Weide und trage sie ewiglich!