< Nnwom 27 >
1 Dawid dwom. Awurade ne me hann ne me nkwagyeɛ; hwan na mensuro no? Awurade ne me nkwa ahoɔden, na hwan anim na me ho mpopoɔ?
A Psalm of David. The LORD is my light and my salvation; whom shall I fear? The LORD is the stronghold of my life; of whom shall I be afraid?
2 Sɛ nnipa bɔne toa me pɛ sɛ wɔkum me a, sɛ mʼatamfoɔ to hyɛ me so a wɔbɛsuntisunti ahwehwe ase.
When evil-doers came upon me to eat up my flesh, even mine adversaries and my foes, they stumbled and fell.
3 Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a, mʼakoma rentu; mpo sɛ wɔtu me so sa a, ɛno mu koraa na menya awerɛhyɛmu.
Though a host should encamp against me, my heart shall not fear; though war should rise up against me, even then will I be confident.
4 Adeɛ baako na mebisa Awurade; na ɛno na mehwehwɛ; sɛ mɛtena Awurade fie me nkwa nna nyinaa, na mahwɛ Awurade ahoɔfɛ na mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefie.
One thing have I asked of the LORD, that will I seek after: that I may dwell in the house of the LORD all the days of my life, to behold the graciousness of the LORD, and to visit early in His temple.
5 Wɔ hia ɛda mu no ɔde me sie nʼatenaeɛ; ɔkora me wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu. Ɔde me si ɔbotan so wɔ ɔsorosoro.
For He concealeth me in His pavilion in the day of evil; He hideth me in the covert of His tent; He lifteth me up upon a rock.
6 Afei ɔbɛma me tiri so wɔ atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so; mede anigyeɛ bɛbɔ afɔdeɛ wɔ nʼAhyiaeɛ Ntomadan mu; na mɛto dwom, ahyehyɛ nnwom ama Awurade.
And now shall my head be lifted up above mine enemies round about me; and I will offer in His tabernacle sacrifices with trumpet-sound; I will sing, yea, I will sing praises unto the LORD.
7 Ao, Awurade, sɛ mesu frɛ wo a, tie me! Hu me mmɔbɔ na gye me so!
Hear, O LORD, when I call with my voice, and be gracious unto me, and answer me.
8 Mʼakoma ka wɔ wo ho sɛ, “Hwehwɛ nʼanim!” Wʼanim, Ao Awurade na mɛhwehwɛ.
In Thy behalf my heart hath said: 'Seek ye My face'; Thy face, LORD, will I seek.
9 Mfa wʼanim nhinta me, mfa abufuo mpamo wo ɔsomfoɔ me ɔboafoɔ ne wo. Mpo me na nnya me, Ao me Nkwagyeɛ Onyankopɔn.
Hide not Thy face from me; put not Thy servant away in anger; Thou hast been my help; cast me not off, neither forsake me, O God of my salvation.
10 Mʼagya ne me maame bɛgya me hɔ deɛ, nanso Awurade bɛgye me.
For though my father and my mother have forsaken me, the LORD will take me up.
11 Kyerɛ me wʼakwan, Ao Awurade; fa me fa ɛkwan tee so, me nhyɛsofoɔ enti.
Teach me Thy way, O LORD; and lead me in an even path, because of them that lie in wait for me.
12 Nnyaa me mma sɛdeɛ mʼatamfoɔ pɛ, adansekurumfoɔ sɔre tia me na wɔpu awurukasɛm.
Deliver me not over unto the will of mine adversaries; for false witnesses are risen up against me, and such as breathe out violence.
13 Meda so wɔ saa anidasoɔ yi sɛ: mɛhunu Awurade ayamyɛ wɔ ateasefoɔ asase so.
If I had not believed to look upon the goodness of the LORD in the land of the living! —
14 Twɛn Awurade. Hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru na twɛn Awurade.
Wait on the LORD; be strong, and let thy heart take courage; yea, wait thou for the LORD.