< Nnwom 25 >

1 Dawid dwom. Ao Awurade, mema me kra so kyerɛ wo;
Psalmus David, in finem. Ad te Domine levavi animam meam:
2 wo so, Ao me Onyankopɔn, na mede me ho to. Mma mʼanim ngu ase na mma mʼatamfoɔ nso nni me so nkonim.
Deus meus in te confido, non erubescam:
3 Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara ani renwu da, mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye no anim bɛgu ase.
Neque irrideant me inimici mei: etenim universi, qui sustinent te, non confundentur.
4 Kyerɛ me wʼakwan, Ao Awurade, na me nhunu wʼatempɔn.
Confundantur omnes iniqua agentes supervacue. Vias tuas Domine demonstra mihi: et semitas tuas edoce me.
5 Fa wo nokorɛ no so kyerɛkyerɛ me, ɛfiri sɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefoɔ, na mʼani da wo so daa nyinaa.
Dirige me in veritate tua, et doce me: quia tu es Deus salvator meus, et te sustinui tota die.
6 Kae, Ao Awurade, wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ kɛseɛ a ɛwɔ hɔ firi tete no.
Reminiscere miserationum tuarum Domine, et misericordiarum tuarum, quae a saeculo sunt.
7 Nkae me mmabunu berɛ mu bɔne ne mʼatuateɛ akwan; kae me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ, Ao Awurade, ɛfiri sɛ wo yɛ.
Delicta iuventutis meae, et ignorantias meas ne memineris. Secundum misericordiam tuam memento mei tu: propter bonitatem tuam Domine.
8 Awurade yɛ, na ɔtene; enti ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ nʼakwan.
Dulcis et rectus Dominus: propter hoc legem dabit delinquentibus in via.
9 Ɔde ahobrɛasefoɔ fa ɛkwan pa so na ɔkyerɛ wɔn nʼapɛdeɛ.
Diriget mansuetos in iudicio: docebit mites vias suas.
10 Awurade akwan nyinaa yɛ ɔdɔ ne nokorɛdie ma wɔn a wɔdi nʼapam mu ahyɛdeɛ soɔ.
Universae viae Domini, misericordia et veritas, requirentibus testamentum eius et testimonia eius.
11 Ao Awurade, me bɔne so deɛ, nanso wo din enti, fa kyɛ me.
Propter nomen tuum Domine propitiaberis peccato meo: multum est enim.
12 Enti hwan ne onipa a ɔsuro Awurade? Ɔbɛkyerɛ no kwan a wabɔ ama no.
Quis est homo qui timet Dominum? legem statuit ei in via, quam elegit.
13 Ɔbɛdi yie wɔ ne nkwa nna mu, na nʼasefoɔ afa asase no sɛ wɔn agyapadeɛ.
Anima eius in bonis demorabitur: et semen eius hereditabit terram.
14 Awurade da nʼatirimsɛm adi kyerɛ wɔn a wɔsuro no; na ɔma wɔhunu nʼapam.
Firmamentum est Dominus timentibus eum: et testamentum ipsius ut manifestetur illis.
15 Mʼani da Awurade so daa, ɛfiri sɛ ɔno nko ara na ɔbɛyi me nan afiri afidie mu.
Oculi mei semper ad Dominum: quoniam ipse evellet de laqueo pedes meos.
16 Dane wʼani hwɛ me, na dom me, ɛfiri sɛ meyɛ ankonam na meyɛ mmɔbɔ.
Respice in me, et miserere mei: quia unicus et pauper sum ego.
17 Mʼakoma mu dadwene adɔɔso; yi me dadwene firi me so.
Tribulationes cordis mei multiplicatae sunt: de necessitatibus meis erue me.
18 Hwɛ me haw ne mʼahohiahia na yi me bɔne nyinaa firi me so.
Vide humilitatem meam, et laborem meum: et dimitte universa delicta mea.
19 Hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ adɔɔso ne ɔtan kɛseɛ a wɔde tan me!
Respice inimicos meos quoniam multiplicati sunt, et odio iniquo oderunt me.
20 Bɔ me nkwa ho ban na gye me. Mma mʼanim ngu ase, ɛfiri sɛ me dwanekɔbea ne wo.
Custodi animam meam, et erue me: non erubescam, quoniam speravi in te.
21 Ma tenenee ne nokorɛ mmɔ me ho ban, ɛfiri sɛ mʼani da wo so.
Innocentes et recti adhaeserunt mihi: quia sustinui te.
22 Gye Israel, Ao Onyankopɔn, firi wɔn haw nyinaa mu.
Libera Deus Israel ex omnibus tribulationibus suis.

< Nnwom 25 >