< Nnwom 23 >

1 Dawid dwom. Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me.
The LORD is my shepherd; I shall not want.
2 Ɔma meda wira frɔmfrɔm adidibea mu; ɔgya me kɔ nsuo a ɛho dwoɔ ho,
He makes me to lie down in green pastures: he leads me beside the still waters.
3 ɔdwodwo me kra. Ɔde me fa akwantenenee so, ne din enti.
He restores my soul: he leads me in the paths of righteousness for his name’s sake.
4 Sɛ menam owuo sum kabii mu mpo a, mensuro bɔne bi, ɛfiri sɛ, wo ne me na ɛwɔ hɔ; wʼabaa ne wo poma na ɛkyekyere me werɛ.
Yes, though I walk through the valley of the shadow of death, I will fear no evil: for you are with me; your rod and your staff they comfort me.
5 Woto me ɛpono wɔ mʼatamfoɔ anim. Wode ngo afɔ me tirim; me kuruwa ayɛ ma abu so.
You prepare a table before me in the presence of my enemies: you anoint my head with oil; my cup runs over.
6 Yie ne adɔeɛ nko na ɛbɛdi mʼakyi me nkwa nna nyinaa; na mɛtena Awurade fie daa.
Surely goodness and mercy shall follow me all the days of my life: and I will dwell in the house of the LORD for ever.

< Nnwom 23 >