< Nnwom 22 >

1 Dawid dwom. Me Onyankopɔn, me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me? Adɛn enti na me nkwagyeɛ ne wo ntam aware, adɛn na mʼapinisie nsɛm ne wo ntam aware?
For the choirmaster. To the tune of “The Doe of the Dawn.” A Psalm of David. My God, my God, why have You forsaken me? Why are You so far from saving me, so far from my words of groaning?
2 Ao me Onyankopɔn, mesu frɛ wo awia, nanso wonnye me so, mefrɛ wo anadwo, nanso mennya ɔhome.
I cry out by day, O my God, but You do not answer, and by night, but I have no rest.
3 Nanso, wɔasi wo ɔhene sɛ Ɔkronkronni; wo na Israel kamfo woɔ.
Yet You are holy, enthroned on the praises of Israel.
4 Wo mu na yɛn agyanom de wɔn werɛ hyɛeɛ; wɔgyee wo diiɛ, na wogyee wɔn.
In You our fathers trusted; they trusted and You delivered them.
5 Wɔsu frɛɛ wo na wogyee wɔn, wɔde wɔn ho too wo so na woanni wɔn hwammɔ.
They cried out to You and were set free; they trusted in You and were not disappointed.
6 Nanso meyɛ ɔsonsono, na menyɛ onipa nnipa bɔ me ahohora na wɔbu me animtiaa.
But I am a worm and not a man, scorned by men and despised by the people.
7 Obiara a ɔhunu me di me ho fɛw; wɔtwa me adapaa, woso wɔn ti ka sɛ:
All who see me mock me; they sneer and shake their heads:
8 “Ɔde ne ho to Awurade so; ma Awurade mmɛgye no. Ma ɔmmɛboa no, ɛfiri sɛ ɔwɔ ne mu anigyeɛ.”
“He trusts in the LORD, let the LORD deliver him; let the LORD rescue him, since He delights in him.”
9 Wo na woyii me firii awotwaa mu baeɛ na womaa mede me ho too wo so ɛberɛ a metua me maame nufoɔ ano mpo.
Yet You brought me forth from the womb; You made me secure at my mother’s breast.
10 Ɛfiri mʼawoɔ mu na wɔde me too wo soɔ; ɛfiri me maame yafunu mu, woayɛ me Onyankopɔn.
From birth I was cast upon You; from my mother’s womb You have been my God.
11 Ntwe wo ho mfiri me ho! Ɛfiri sɛ amaneɛ abɛn na ɔboafoɔ nni baabi.
Be not far from me, for trouble is near and there is no one to help.
12 Anantwinini bebree atwa me ho ahyia; Basan anantwinini a wɔn ho yɛ den atwa me ho ahyia.
Many bulls surround me; strong bulls of Bashan encircle me.
13 Gyata a wɔbobom na wɔtete wɔn ahaboa mu abuebue wɔn anom tɛtrɛɛ de kyerɛ me.
They open their jaws against me like lions that roar and maul.
14 Wɔahwie me agu sɛ nsuo, na me nnompe nyinaa ahodwo. Mʼakoma adane ayɛ sɛ nku; anane afiri me mu.
I am poured out like water, and all my bones are disjointed. My heart is like wax; it melts away within me.
15 Mʼahoɔden awe te sɛ kyɛmferɛ mu. Na me tɛkrɛma atare mʼanom. Wode me ato owuo mfuturo mu.
My strength is dried up like a potsherd, and my tongue sticks to the roof of my mouth. You lay me in the dust of death.
16 Nkraman atwa me ho ahyia nnebɔneyɛfoɔ kuo atwa me ho ahyia, wɔahwire me nsa ne me nan mu.
For dogs surround me; a band of evil men encircles me; they have pierced my hands and feet.
17 Mɛtumi akan me nnompe nyinaa; Mʼatamfoɔ di me nhwɛhaa na wɔsere me.
I can count all my bones; they stare and gloat over me.
18 Wɔkyɛ me atadeɛ mu fa, na wɔbɔ me ntoma so ntonto.
They divide my garments among them and cast lots for my clothing.
19 Na wo, Ao Awurade, ntwe wo ho. Ao mʼAhoɔden bra ntɛm bɛboa me.
But You, O LORD, be not far off; O my Strength, come quickly to help me.
20 Gye me kra firi akofena ano; gye me nkwa a ɛsom bo no firi nkraman tumi ase.
Deliver my soul from the sword, my precious life from the power of wild dogs.
21 Gye me nkwa firi gyata anom; gye me firi ɛkoɔ mmɛn so.
Save me from the mouth of the lion; at the horns of the wild oxen You have answered me!
22 Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.
I will proclaim Your name to my brothers; I will praise You in the assembly.
23 Monkamfo Awurade, mo a mosuro no no! Mo a moyɛ Yakob asefoɔ, monhyɛ no animuonyam! Mo Israel asefoɔ nyinaa, monni no ni!
You who fear the LORD, praise Him! All descendants of Jacob, honor Him! All offspring of Israel, revere Him!
24 Ɔmmuu nʼani nguu ɔmanehunufoɔ ateetee so, ɔmfaa nʼanim nhintaa no; na mmom watie ne sufrɛ a ɔde repɛ mmoa.
For He has not despised or detested the torment of the afflicted. He has not hidden His face from him, but has attended to his cry for help.
25 Me botaeɛ a mede yi wo ayɛ wɔ badwa mu no firi wo; mɛdi me bɔhyɛ so wɔ wɔn a wɔsuro wo no anim.
My praise for You resounds in the great assembly; I will fulfill my vows before those who fear You.
26 Ahiafoɔ bɛdidi na wɔamee; wɔn a wɔhwehwɛ Awurade bɛyi no ayɛ. Mo akoma nnya nkwa daa.
The poor will eat and be satisfied; those who seek the LORD will praise Him. May your hearts live forever!
27 Asase ano nyinaa bɛkae akɔ Awurade nkyɛn, na amanaman no mmusua nyinaa bɛkoto nʼanim,
All the ends of the earth will remember and turn to the LORD. All the families of the nations will bow down before Him.
28 ɛfiri sɛ ahennie wɔ Awurade na ɔdi amanaman so ɔhene.
For dominion belongs to the LORD and He rules over the nations.
29 Asase so adefoɔ nyinaa bɛdidi na wɔasɔre no; wɔn a wɔkɔ dɔteɛ mu nyinaa bɛbu nkotodwe nʼanim, wɔn a wɔrentumi mma nkwa mu.
All the rich of the earth will feast and worship; all who go down to the dust will kneel before Him— even those unable to preserve their lives.
30 Nkyirimma nyinaa bɛsom no; wɔbɛka Awurade ho asɛm akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ.
Posterity will serve Him; they will declare the Lord to a new generation.
31 Wɔbɛka ne tenenee akyerɛ nnipa a wɔnnya nwoo wɔn ɛfiri sɛ ɔno na wayɛ.
They will come and proclaim His righteousness to a people yet unborn— all that He has done.

< Nnwom 22 >