< Nnwom 21 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ao Awurade, ɔhene no anigye wɔ wʼahoɔden mu. Nʼani gye mmorosoɔ wɔ nkonimdie a wo ma no nti!
Para el director del coro. Un salmo de David. El rey celebra tu fuerza, Señor. ¡Y está muy feliz de que le hayas dado la victoria!
2 Woama no deɛ nʼakoma pɛ; woamfa nʼabisadeɛ ankame no.
Le diste todo lo que quería; no le negaste nada de lo que pidió.
3 Wode nhyira a ɛdi mu hyiaa no na wode sikakɔkɔɔ amapa ahenkyɛ hyɛɛ no.
Lo recibiste con bendiciones especiales cuando regresó; pusiste una corona de oro puro en su cabeza.
4 Ɔbisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no, nna tentene a ɛnni awieeɛ.
Te pidió que le dieras una buena vida, y le diste una larga vida, por siempre y para siempre.
5 Nkonimdie a woma no enti, nʼanimuonyam so; wode kɛseyɛ ne anidie adom no.
Tus victorias le dan gran gloria; le concediste majestad y esplendor.
6 Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa da na wo nsrahwɛ ama me ho ahosɛpɛ me.
Le diste bendiciones por siempre. Está lleno de alegría porque tú estás con él.
7 Ɔhene no de ne ho to Awurade so; Ɔsorosoroni no nokorɛ dɔ no enti, Ɔhene renhinhim.
Porque el rey confía en el Señor; se mantiene firme por el amor inefable del altísimo.
8 Wo nsa bɛka wʼatamfoɔ nyinaa; wo nsa nifa bɛsɔ wɔn a wɔkyiri woɔ mu.
Tú, el rey, encontrarás y capturarás a todos tus enemigos; te apoderarás de todos los que te odian.
9 Ɛberɛ a wobɛyi wo ho adi no wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a emu adɔ. Awurade firi nʼabufuhyeɛ mu bɛmene wɔn, na ne ogya no ahye wɔn.
Cuando aparezcas en la escena los quemarás a todos como en un horno. El Señor en su furia los destruirá a todos, y los quemará con fuego.
10 Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so, na wɔn asefoɔ afiri adasamma mu.
Tú acabarás con todos sus hijos en la tierra, con todos sus descendientes.
11 Ɛwom sɛ wɔbɔ pɔ tia wo na wɔyɛ nhyehyɛeɛ bɔne, nanso wɔrenni nkonim;
Aunque conspiren el mal contra ti, sus planes malvados no tendrán éxito.
12 ɛfiri sɛ wobɛma wɔasane wɔn akyi ɛberɛ a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so.
Se volverán y huirán de ti cuando vean tus flechas de fuego sobre ellos.
13 Yɛma wo so, Ao Awurade, wɔ wʼahoɔden mu; yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ.
Levántate, Señor, ¡Porque eres fuerte! ¡Cantaremos y te alabaremos por tu poder!

< Nnwom 21 >