< Nnwom 21 >

1 Dawid dwom. Ao Awurade, ɔhene no anigye wɔ wʼahoɔden mu. Nʼani gye mmorosoɔ wɔ nkonimdie a wo ma no nti!
למנצח מזמור לדוד ב יהוה בעזך ישמח-מלך ובישועתך מה-יגיל (יגל) מאד
2 Woama no deɛ nʼakoma pɛ; woamfa nʼabisadeɛ ankame no.
תאות לבו נתתה לו וארשת שפתיו בל-מנעת סלה
3 Wode nhyira a ɛdi mu hyiaa no na wode sikakɔkɔɔ amapa ahenkyɛ hyɛɛ no.
כי-תקדמנו ברכות טוב תשית לראשו עטרת פז
4 Ɔbisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no, nna tentene a ɛnni awieeɛ.
חיים שאל ממך--נתתה לו ארך ימים עולם ועד
5 Nkonimdie a woma no enti, nʼanimuonyam so; wode kɛseyɛ ne anidie adom no.
גדול כבודו בישועתך הוד והדר תשוה עליו
6 Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa da na wo nsrahwɛ ama me ho ahosɛpɛ me.
כי-תשיתהו ברכות לעד תחדהו בשמחה את-פניך
7 Ɔhene no de ne ho to Awurade so; Ɔsorosoroni no nokorɛ dɔ no enti, Ɔhene renhinhim.
כי-המלך בטח ביהוה ובחסד עליון בל-ימוט
8 Wo nsa bɛka wʼatamfoɔ nyinaa; wo nsa nifa bɛsɔ wɔn a wɔkyiri woɔ mu.
תמצא ידך לכל-איביך ימינך תמצא שנאיך
9 Ɛberɛ a wobɛyi wo ho adi no wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a emu adɔ. Awurade firi nʼabufuhyeɛ mu bɛmene wɔn, na ne ogya no ahye wɔn.
תשיתמו כתנור אש-- לעת פניך יהוה באפו יבלעם ותאכלם אש
10 Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so, na wɔn asefoɔ afiri adasamma mu.
פרימו מארץ תאבד וזרעם מבני אדם
11 Ɛwom sɛ wɔbɔ pɔ tia wo na wɔyɛ nhyehyɛeɛ bɔne, nanso wɔrenni nkonim;
כי-נטו עליך רעה חשבו מזמה בל-יוכלו
12 ɛfiri sɛ wobɛma wɔasane wɔn akyi ɛberɛ a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so.
כי תשיתמו שכם במיתריך תכונן על-פניהם
13 Yɛma wo so, Ao Awurade, wɔ wʼahoɔden mu; yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Adekyeeɛ foroteɛ” dwom.
רומה יהוה בעזך נשירה ונזמרה גבורתך

< Nnwom 21 >