< Nnwom 20 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu; Yakob Onyankopɔn din mmɔ wo ho ban.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu; Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban.
2 Ɔmfa mmoa mfiri kronkronbea hɔ mmrɛ wo na ɔmfiri Sion mmɛhyɛ wo den.
Ɔmfa mmoa mfi kronkronbea hɔ mmrɛ wo, na omfi Sion mmɛhyɛ wo den.
3 Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa na ɔmma wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ nʼani.
Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa, na ɔmma wo hyew afɔre nsɔ nʼani.
4 Ɔmma wo deɛ wʼakoma pɛ, na wo nhyehyɛeɛ nyinaa nyɛ yie.
Ɔmma wo nea wo koma pɛ, na wo nhyehyɛe nyinaa nyɛ yiye.
5 Yɛbɛbɔ ose ɛberɛ a woadi nkonim na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Onyankopɔn din mu. Awurade nyɛ wʼabisadeɛ nyinaa mma wo.
Yɛbɛbɔ ose bere a woadi nkonim, na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Nyankopɔn din mu. Awurade nyɛ wʼabisade nyinaa mma wo.
6 Afei mahunu sɛ Awurade gye deɛ wasra no no nkwa; ɔgye no so wɔ ne soro kronkron hɔ ɔde tumi a ɛfiri ne nsa nifa mu no ma no nkwagyeɛ.
Afei mahu sɛ Awurade ma nea wasra no no nkonimdi, ofi ne kronkronbea wɔ ɔsoro gye no so, ɔde ne nkonimdi tumi a ɛwɔ ne nsa nifa mu no.
7 Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so na afoforɔ nso, wɔn apɔnkɔ so, nanso yɛn deɛ, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Onyankopɔn din so.
Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so na afoforo nso, wɔn apɔnkɔ so, nanso yɛn de, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Nyankopɔn din so.
8 Saa nkurɔfoɔ no, wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase, na yɛn deɛ, yɛsɔre gyina pintinn.
Wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase, na yɛn de, yɛsɔre gyina kirebenn.
9 Ao Awurade gye ɔhene nkwa! Na sɛ yɛfrɛ nso a, gye yɛn so.
Awurade, ma ɔhene nkonimdi! Yɛfrɛ a, gye yɛn so!

< Nnwom 20 >